-
Yeremia 21:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ɔhene Sedekia+ somaa Malkiya ba Pasur+ ne Maaseia ba, ɔsɔfoɔ Sefania+ baa Yeremia nkyɛn no. Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Babilon hene Nebukadnesar* ne yɛn rebɛko, enti yɛpa wo kyɛw, bisa Yehowa ma yɛnhunu deɛ ɛbɛto yɛn.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’anwanwadwuma no bi de aboa yɛn ama wafiri yɛn so akɔ.”+
-