Yeremia
21 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ɔhene Sedekia+ somaa Malkiya ba Pasur+ ne Maaseia ba, ɔsɔfoɔ Sefania+ baa Yeremia nkyɛn no. Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: 2 “Babilon hene Nebukadnesar* ne yɛn rebɛko, enti yɛpa wo kyɛw, bisa Yehowa ma yɛnhunu deɛ ɛbɛto yɛn.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’anwanwadwuma no bi de aboa yɛn ama wafiri yɛn so akɔ.”+
3 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Sedekia sɛ, 4 ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, meredane akodeɛ a ɛwɔ mo ara mo nsam no aba mo so, akodeɛ a mode reko atia Babilon hene+ ne Kaldeafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi a wɔaka mo ahyɛ kuro no mu no. Na mɛboaboa akodeɛ no* ano aba kuro yi mfimfini. 5 Na me ara mede nsa a emu atene, ne basa a ɛyɛ den, ne abufuo, ne abufuhyeɛ, ne aniberɛ kɛseɛ bɛko atia mo.+ 6 Mɛkunkum kuro yi mufoɔ, nnipa ne mmoa nyinaa. Mede nsanyareɛ a ɛdi awuo* paa na ɛbɛkunkum wɔn.”’+
7 “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm nie, “Yuda hene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔmanfoɔ no, ne kuro yi mu nnipa a nsanyareɛ a ɛdi awuo ne sekan ne ɛkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa,+ ne wɔn atamfo, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa. Ɔde sekan bɛkunkum wɔn. Wɔn asɛm renyɛ no awerɛho, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ nso.”’+
8 “Na nkurɔfoɔ yi deɛ, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan resi mo anim. 9 Wɔn a wɔbɛtena kuro yi mu no, sekan ne ɛkɔm ne owuyareɛ na ɛbɛkunkum wɔn. Na obiara a ɔbɛpue de ne ho akɔma Kaldeafoɔ a wɔaka mo ahyɛ mo kuro no mu no renwu, na ɔbɛnya ne nkwa* sɛ asadeɛ.”’*+
10 “‘“Mede m’ani asi kuro yi so; ɛnyɛ adepa na mede bɛba so, na mmom mmusuo,”+ Yehowa asɛm nie. “Wɔde bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde gya ahye.”+
11 “‘Yuda hene fiefoɔ nso, montie Yehowa asɛm. 12 O Dawid fie, deɛ Yehowa aka nie:
“Anɔpa biara mommu atɛntenenee,
Na deɛ wɔresisi no no, monnye no mfiri osisifoɔ nsam,+
Anyɛ saa a, nneɛma bɔne a moyɛ nti,+
M’abufuo bɛdɛre sɛ egya,+
Na ɛbɛhye a obiara rentumi nnum no.”’
‘Na mo a moka sɛ: “Hwan na ɔbɛsiane aba yɛn so?
Na hwan na ɔbɛba yɛn atenaeɛ abɛto ahyɛ yɛn so?” no deɛ,
‘Na mede egya bɛto ne kwaeɛ mu,
Na ɛbɛhye nneɛma a atwa ne ho ahyia nyinaa.’”+