Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 25:6, 7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɛnna wɔkyee ɔhene no,+ na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn. 7 Wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na Sedekia nso, Nebukadnesar sɛee n’ani maa n’ani firaeɛ. Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon.+

  • Yeremia 37:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm kokoam wɔ ne fie* hɔ.+ Ɔbisaa no sɛ: “Woate asɛm bi afiri Yehowa hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Aane!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+

  • Yeremia 39:5-7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Nanso Kaldeafoɔ asraafoɔ no taa wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia wɔ Yeriko serɛ so.+ Wɔkyee no de no foro kɔmaa Babilon hene Nebukadnesar* wɔ Ribla,+ Hamat asaase so,+ na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. 6 Na Babilon hene maa wɔkunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim wɔ Ribla hɔ, na Babilon hene maa wɔkunkum Yuda adehyeɛ nyinaa nso.+ 7 Afei ɔsɛee Sedekia ani maa n’ani firae. Ɔwieeɛ no, ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.+

  • Yeremia 52:9-11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Ɛnna wɔkyee ɔhene no, na wɔde no foro kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla wɔ Hamat asaase so, na ɔbuu no atɛn. 10 Na Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim, na ɔkunkum Yuda mpanimfoɔ no nyinaa nso wɔ Ribla hɔ. 11 Ɛnna Babilon hene sɛee Sedekia ani maa n’ani firaeɛ.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilon, na ɔde no too afiase kɔsii da a ɔwuiɛ.

  • Hesekiel 17:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Nokorɛ a wanni me nti,+ mɛtrɛ m’atena mu agu ne so,+ na m’atena bɛyi no; mede no bɛkɔ Babilon na mabu no atɛn wɔ hɔ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane