Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 21:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm nie, “Yuda hene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔmanfoɔ no, ne kuro yi mu nnipa a nsanyareɛ a ɛdi awuo ne sekan ne ɛkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar* nsa,+ ne wɔn atamfo, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa. Ɔde sekan bɛkunkum wɔn. Wɔn asɛm renyɛ no awerɛho, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ nso.”’+

  • Yeremia 24:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 “‘Na borɔdɔma a ɛnyɛ koraa ma enti wodi a ɛnyɛ yie no,+ deɛ Yehowa aka afa ho nie: “Saa ara na Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanimfoɔ ne Yerusalemfoɔ a wɔaka asaase yi so ne wɔn a wɔtete Egypt asaase so no, mɛbu wɔn sɛ wɔnyɛ.+

  • Yeremia 34:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Na mede Yuda hene Sedekia ne ne mpanimfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkunkum wɔn* no nsa ne Babilon hene asraafoɔ a wɔresan wɔn akyi akɔ no nsa.’+

  • Hesekiel 12:12, 13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Ɔberempɔn a ɔwɔ wɔn mu de ne nneɛma bɛto ne kɔn ho afiri adi anadwo. Ɔbɛtu dan ho tokuro na ɔde ne nneɛma no afa mu apue.+ Ɔbɛkata n’anim na wanhu fam.’ 13 Mɛtrɛ m’atena mu agu ne so, na m’atena bɛyi no.+ Afei mede no bɛkɔ Babilon, Kaldeafoɔ asaase so, nanso ɔrenhunu; ɛhɔ na ɔbɛwu.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane