Hesekiel
12 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, wote atuatefoɔ mu.* Wɔwɔ ani nanso wɔnhunu adeɛ, wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ.+ 3 Na wo, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano na yɛ sɛ deɛ woretu akɔ obi man so. Tu firi baabi a wote kɔ baabi foforɔ; kɔ awiaberɛ ma wɔnhu wo. Wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ. 4 Fa wo nneɛma no firi adi awiaberɛ te sɛ deɛ woretu akɔ ɔman foforɔ so ma wɔnhunu, nanso kɔ anwummerɛ; yɛ sɛ deɛ wɔretu wo akɔ ɔman foforɔ so.+
5 “Tu dan no ho tokuro na fa wo nneɛma no fa mu pue+ ma wɔnhu wo. 6 Fa nneɛma no to wo kɔn ho na firi adi berɛ a esum aduru ma wɔnhunu. Kata w’anim na woanhu fam, ɛfiri sɛ mede wo reyɛ sɛnkyerɛnne ama Israel fie.”+
7 Ɛnna meyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ me no pɛpɛɛpɛ. Awiaberɛ mu na mede me nneɛma firii adi te sɛ deɛ meretu akɔ obi man so; ɛduruu anwummerɛ no, mede me nsa tuu dan no ho tokuro. Afei esum duruiɛ no mede nneɛma no firii adi; mede too me kɔn ho maa wɔhunuiɛ.
8 Ɛduruu anɔpa no, Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Onipa ba, enti Israelfoɔ a wɔyɛ atuatefoɔ no ammisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ 10 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Atemmusɛm yi fa Yerusalem ɔberempɔn+ ne Israel fiefoɔ a wɔwɔ kuro no mu nyinaa ho.”’
11 “Ka sɛ, ‘Meyɛ sɛnkyerɛnne ma mo.+ Deɛ mayɛ yi, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtu wɔn ase akɔ; wɔbɛkye wɔn akɔ obi man so.+ 12 Ɔberempɔn a ɔwɔ wɔn mu de ne nneɛma bɛto ne kɔn ho afiri adi anadwo. Ɔbɛtu dan ho tokuro na ɔde ne nneɛma no afa mu apue.+ Ɔbɛkata n’anim na wanhu fam.’ 13 Mɛtrɛ m’atena mu agu ne so, na m’atena bɛyi no.+ Afei mede no bɛkɔ Babilon, Kaldeafoɔ asaase so, nanso ɔrenhunu; ɛhɔ na ɔbɛwu.+ 14 Wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa, n’aboafoɔ ne n’asraafoɔ nyinaa, mɛbɔ wɔn ahwete baabiara+ na matwe sekan adi wɔn akyi.+ 15 Sɛ mebɔ wɔn pete aman so na mehwete wɔn kɔ nsaase no so a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa. 16 Afena,* ɛkɔm, ne nsanyareɛ a ɛdi awuo a ɛbɛba no, mɛma mmarima kakra afiri mu aka, na wɔatumi aka wɔn abofonodeɛ no nyinaa ho asɛm wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu, na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.”
17 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, fa ahopopoɔ di w’aduane,* na fa ahohia ne ahoyera nom wo nsuo.+ 19 Ka kyerɛ asaase no sofoɔ sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn a wɔte Yerusalem wɔ Israel asaase so nie: “Wɔde ahoyera bɛdi wɔn aduane* na wɔde ehu anom wɔn nsuo. Wɔn a wɔte asaase no so nyinaa amumuyɛ nti,+ wɔn asaase no bɛda mpan.+ 20 Wɔbɛsɛe nkuro a wɔtete mu no pasaa na asaase no adane amamfo,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.”’”+
21 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 22 “Onipa ba, akasabebuo bɛn na ɛyɛ a wɔka wɔ Israel sɛ, ‘Adeɛ kye na adeɛ asa, nanso anisoadehunu biara mma mu’?+ 23 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛma wɔagyae akasabebuo yi ka, na wɔremmu saa bɛ no wɔ Israel bio.”’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna no abɛn,+ na anisoadehunu biara bɛba mu.’ 24 Na anisoadehunu anaa nkɔmhyɛ biara a ɛnyɛ nokorɛ* rentena Israel fie bio.+ 25 ‘“Na me Yehowa, mɛkasa. Deɛ mɛka biara bɛyɛ hɔ; ɛrenka akyi.+ Atuatefoɔ, mo berɛ so+ na mɛkasa, na mɛyɛ nso,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’”
26 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 27 “Onipa ba, Israelfoɔ* rekeka sɛ, ‘N’anisoadehunu no nyɛ nnɛ ne ɔkyena asɛm, na ne nkɔmhyɛ no fa berɛ a ɛwɔ akyirikyiri ho.’+ 28 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “‘M’asɛm biara renka akyire. Deɛ mɛka biara bɛyɛ hɔ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’”