Hesekiel
11 Na honhom bi maa me so de me kɔɔ Yehowa fie pono a ani kyerɛ apueeɛ fam no ano.+ Mehuu mmarima 25 wɔ ɛpono no ano; ná Asor ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia a wɔyɛ ɔman no mu mpanimfoɔ+ ka wɔn ho. 2 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, mmarima yi na wɔbɔ pɔ bɔne na wɔtu fo bɔne wɔ kuro yi mu no.* 3 Wɔka sɛ, ‘Ɛnyɛ adansie berɛ nie anaa?+ Kuro yi ne dadesɛn* no,+ na yɛn ne nam no.’
4 “Enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Onipa ba, hyɛ nkɔm.”+
5 Afei Yehowa honhom baa me so,+ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ka sɛ, ‘Yehowa asɛm nie: “Israel fie, deɛ moaka no yɛ nokorɛ, na menim adwene a moredwene. 6 Moama nnipa pii awuwu wɔ kuro yi mu, na mode afunu ahyɛ ne mmɔnten so ma.”’”+ 7 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Afunu a mode apete kuro yi mu no, wɔn ne nam no, na kuro no ne dadesɛn no;+ na mo nso wɔbɛyi mo afiri mu.’”
8 “‘Mosuro sekan,+ nanso sekan na mede bɛba mo so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 9 ‘Mɛyi mo afiri kuro yi mu de mo ahyɛ ananafoɔ nsa, na mɛbu mo atɛn.+ 10 Wɔde sekan bɛkunkum mo.+ Mɛbu mo atɛn wɔ Israel hyeɛ so,+ na mobɛhu sɛ mene Yehowa.+ 11 Kuro yi renyɛ sɛ dadesɛn mmɔ mo ho ban, na mo nso morenyɛ sɛ nam wɔ mu. Na mɛbu mo atɛn wɔ Israel hyeɛ so, 12 na mobɛhu sɛ mene Yehowa, ɛfiri sɛ moanni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so,+ na mmom aman a atwa mo ho ahyia no atemmusɛm so na modiiɛ.’”+
13 Berɛ a mehyɛɛ nkɔm no wieeɛ ara na Benaia ba Pelatia wuiɛ, na mede m’anim butuu fam de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Enti worebɛhye Israelfoɔ a aka yi nyinaa ase?”+
14 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 15 “Onipa ba, Yerusalemfoɔ aka akyerɛ wo nuanom, wo nuanom a wɔwɔ hokwan sɛ wɔsan gye agyapadeɛ, ne Israel fie nyinaa sɛ, ‘Montwe mo ho mfiri Yehowa ho nkɔ akyirikyiri. Asaase no yɛ yɛn dea; ɛyɛ agyapadeɛ a wɔde ama yɛn.’ 16 Enti ka sɛ, ‘Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: “Ɛwom sɛ mayi wɔn kɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri so, na mabɔ wɔn ahwete nsaase no so+ deɛ, nanso mɛyɛ sɛ tenabea kronkron ama wɔn berɛ tiaa bi wɔ nsaase a wɔakɔ so no so.”’+
17 “Enti ka sɛ, ‘Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: “Mɛyi mo afiri aman no mu nso na maboaboa mo ano afiri nsaase a moahwete kɔ so no so, na mede Israel asaase bɛma mo.+ 18 Na wɔbɛsan aba hɔ abɛyi akyiwadeɛ ne abofonodeɛ no nyinaa afiri hɔ.+ 19 Na mɛma wɔayɛ baako*+ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu;+ mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ no afiri wɔn nipadua mu+ na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmerɛ;*+ 20 ɛno bɛma wɔadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so. Wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.”’
21 “‘“Na wɔn a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔde wɔn akoma bɛdi wɔn akyiwadeɛ ne wɔn abofonodeɛ akyi no deɛ, mɛma wɔn akwan ho nsunsuansoɔ aba wɔn tiri so,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’”
22 Afei kerubim no memaa wɔn ntaban so berɛ a ntwahonan no di wɔn nkyɛnmu+ no, na na Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi.+ 23 Ɛnna Yehowa animuonyam+ maa ne ho so firii kuro no mu kɔsii bepɔ a ɛwɔ kuro no apueeɛ fam+ no so. 24 Afei honhom bi maa me so wɔ Onyankopɔn honhom anisoadehunu mu de me baa wɔn a wɔatu wɔn afiri wɔn man mu no nkyɛn wɔ Kaldea. Ɛnna anisoadehunu a menyaeɛ no firii m’ani so. 25 Na mekaa deɛ Yehowa maa mehunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ atukɔfoɔ no.