Hesekiel
11 Afei honhom+ no maa me so+ de me kɔɔ Yehowa fie pono a ani kyerɛ apueeɛ+ fam no ano, na hwɛ, mmarima aduonu nnum+ gyinagyina ɛpono no ano, na mehunuu Asor ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia a wɔyɛ ɔman no mu aberempɔn wɔ wɔn mu.+ 2 Na ɔka* kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, mmarima yi na wɔdwene amumuyɔsɛm na wɔtu fo bɔne tia kuro yi.+ 3 Wɔka sɛ, ‘Berɛ a wɔde sisi adan nnuruiɛ anaa?+ Kuro yi ne kukuo,+ na yɛn ne nam.’
4 “Enti hyɛ wɔn ho nkɔm. Onipa ba, hyɛ nkɔm.”+
5 Afei Yehowa honhom tɔɔ me so,+ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:+ “Israel fie, moaka no yie, na mo nsusuiɛ biara, menim.+ 6 Moama mo nkurɔfoɔ pii awuwu wɔ kuro yi mu, na moama afunu ahyɛ ne mmɔnten so mã.”’”+ 7 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Awufoɔ a mode agugu kuro yi mu no, wɔn ne nam no,+ na kuro no ne kukuo no;+ na wɔbɛyi mo afiri mu.’”+
8 “‘Mosuro nkrantɛ,+ na nkrantɛ na mede bɛba mo soɔ,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.+ 9 ‘Mɛyi mo afiri kuro yi mu de mo ahyɛ ananafoɔ nsa,+ na mɛbu mo atɛn.+ 10 Mobɛtotɔ nkrantɛ ano.+ Israel hyeɛ so+ na mɛbu mo atɛn na moahunu sɛ mene Yehowa.+ 11 Kuro no renyɛ kukuo+ mma mo, na mo nso morenyɛ nam wɔ ne mu. Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn, 12 na mobɛhunu sɛ mene Yehowa, ɛfiri sɛ moannante m’ahyɛdeɛ mu na moanni m’atemmusɛm so,+ na mmom aman a atwa mo ho ahyia no atemmusɛm so na modiiɛ.’”+
13 Na berɛ a mehyɛɛ nkɔm no ara na Benaia ba Pelatia wuiɛ,+ na mede m’anim butuu fam de nne kɛseɛ teaam+ sɛ, “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa!+ Ɔsɛeɛ pasaa na wode bɛtɔre Israelfoɔ a wɔaka yi ase anaa?”+
14 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 15 “Onipa ba, Yerusalemfoɔ aka akyerɛ wo nuanom+—wo nuanom, w’abusuafoɔ, ne Israel fie nyinaa—sɛ, ‘Montwe mo ho mfiri Yehowa ho nkɔ akyirikyiri. Asase yi yɛ yɛn dea; wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa.’+ 16 Enti ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɛwom sɛ mayi wɔn kɔ aman so wɔ akyirikyiri, na mabɔ wɔn apete nsase ahodoɔ so+ deɛ, nanso mɛyɛ kronkronbea ama wɔn berɛ kakra mu wɔ nsase a wɔkɔ soɔ no so.”’+
17 “Enti ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛsesa mo afiri aman no mu na maboaboa mo ano afiri nsase a wɔapete mo kɔ soɔ no so, na mede Israel asase bɛma mo.+ 18 Na wɔbɛba hɔ abɛyi akyiwadeɛ ne abofonodeɛ no nyinaa afiri mu.+ 19 Mɛma wɔn akoma koro+ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu,+ na mɛyi ɛboɔ akoma afiri wɔn honam mu+ na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmerɛ,+ 20 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnante m’ahyɛdeɛ mu na wɔadi m’atemmusɛm soɔ,+ na wɔayɛ me man+ na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.”’+
21 “‘“Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn abofonodeɛ akyi no deɛ,+ mɛma wɔn akwan adane aba wɔn tiri so,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’”+
22 Afei kerubim+ no memaa wɔn ntaban so berɛ a ntwahonan no di wɔn nkyɛnmu no,+ na na Israel Nyankopɔn animuonyam+ wɔ wɔn so, firi soro.+ 23 Na Yehowa animuonyam+ maa ne ho so firii kuro no mu kɔgyinaa bepɔ+ a ɛwɔ kuro no apueeɛ fam+ no so. 24 Na honhom+ no maa me so+ baa Kaldea wɔ Onyankopɔn honhom anisoadehunu mu, na ɛde me baa wɔn a wɔafa wɔn nnommum no mu.+ Afei anisoadehunu a menyaeɛ no firii me so kɔeɛ. 25 Na mekaa deɛ Yehowa maa mehunuiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn a wɔafa wɔn nnommum no.+