Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 26:44
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 44 Nanso berɛ a wɔwɔ wɔn atamfo asase soɔ mpo no, merempo wɔn+ koraa na meremmu wɔn sɛ abofonodeɛ+ a enti mɛtɔre wɔn aseɛ. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.

  • Deuteronomium 30:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ soɔ no nyinaa so.+

  • 2 Ahemfo 24:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Saa na ɛyɛeɛ a ɔfaa Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon,+ na ɔhene maame+ ne ɔhene yerenom ne n’ahemfie mpanimfoɔ+ ne asase no so atitire nso, ɔde wɔn firi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.

  • Dwom 44:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Wode yɛn maa sɛ nnwan, woyɛɛ yɛn sɛ aduane,+

      Na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.+

  • Yeremia 24:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Sɛdeɛ borɔdɔma a ɛyɛ yi teɛ no, saa na mɛbu Yuda nnommum a mede wɔn bɛfiri ha akɔ Kaldeafoɔ asase soɔ+ no sɛ wɔyɛ.+

  • Yeremia 30:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 “Medi w’akyi, na mɛgye wo,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma aman a mabɔ wo ahwete soɔ no nyinaa adane amamfõ.+ Na wo deɛ, merensɛe wo,+ nanso mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata, na meremma womfa wo ho nni.”+

  • Yeremia 31:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Amanaman, montie Yehowa asɛm, na monka no nsuano aman a ɛwɔ akyirikyiri+ no so sɛ: “Deɛ ɔbɔɔ Israel hweteeɛ no, ɔno ara bɛboaboa wɔn ano,+ na ɔbɛhwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ yɛ ne nnwankuo.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane