Dwom 51:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 O Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me,+Na fa honhom foforɔ a aseɛ atim hyɛ me mu.+ Yeremia 31:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 “Yei ne apam+ a me ne Israel fie bɛyɛ no nna no akyi,”+ Yehowa asɛm nie. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu+ na matwerɛ no wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+ Yeremia 32:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Mɛma wɔn akoma koro,+ na mɛma wɔahunu kwan koro na ama wɔasuro me daa ama no asi wɔne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyi aba no yie.+ Hesekiel 36:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛntene nyinaa.+ Na mo bɔne ne mo akyiwadeɛ nti, mo ara mo ho bɛyɛ mo abofono.+ Efesofoɔ 4:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 mmom no, momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforɔ wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu,+
33 “Yei ne apam+ a me ne Israel fie bɛyɛ no nna no akyi,”+ Yehowa asɛm nie. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu+ na matwerɛ no wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+
39 Mɛma wɔn akoma koro,+ na mɛma wɔahunu kwan koro na ama wɔasuro me daa ama no asi wɔne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyi aba no yie.+
31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛntene nyinaa.+ Na mo bɔne ne mo akyiwadeɛ nti, mo ara mo ho bɛyɛ mo abofono.+