Hesekiel
10 Na megu so rehwɛ no, mehunuu biribi te sɛ hoaboɔ+ wɔ bamma+ a ɛwɔ kerubim no atifi no so, biribi a ne hwɛbea te sɛ ahennwa.+ 2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera+ no sɛ: “Kɔ ntwahonan+ no ntam, kerubim no ase. Afei yi nnyasramma+ wo nsa mmienu mãmã firi kerubim no ntam na to gu kuro no so.”+ Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim.
3 Berɛ a ɔbarima no kɔɔ mu no, na kerubim no gyinagyina fie no nifa so, na mununkum ahyɛ mfimfini adihɔ hɔ mã.+ 4 Afei Yehowa animuonyam+ maa ne ho so firii kerubim no so kɔɔ fie no pono ano, na nkakrankakra, mununkum hyɛɛ fie hɔ mã,+ na Yehowa animuonyam hyerɛn adihɔ hɔ nyinaa. 5 Na kerubim+ no ntaban mu nnyegyeeɛ no bɛduruu akyire hɔ adihɔ hɔ te sɛ deɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn rekasa.+
6 Berɛ a ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: “Yi egya firi ntwahonan no ntam wɔ kerubim no mfimfini” no, ɔkɔɔ mu kɔgyinaa ntwahonan no ho. 7 Na kerubim baako tenee ne nsa yii egya+ a ɛwɔ kerubim+ no ntam no de bɛguu ɔbarima a ɔhyɛ nwera+ no nsam, na ɔno nso gye de kɔeɛ. 8 Na mehunuu biribi te sɛ ɔdasani nsa wɔ kerubim no ntaban ase.+
9 Afei mehunuu sɛ ntwahonan nnan wɔ kerubim no ho—ntwahonan baako wɔ kerubim biara ho+—na ntwahonan no hyerɛn te sɛ sikabereɛboɔ. 10 Ná nnan no nyinaa di nsɛ, te sɛ ntwahonan a ɛhyɛ ntwahonan foforɔ mu.+ 11 Sɛ ebiara rekɔ a, ɛnam n’afã nnan no so. Sɛ ɛrekɔ a, ɛnnane ne ho; faako a etire no kyerɛ no, ɛhɔ na ɛkorɔ. Ɛrekɔ a, ɛnnane ne ho.+ 12 Na aniwa ayeyɛ wɔn honam ne wɔn akyi ne wɔn nsa ho ne wɔn ntaban ne ntwahonan no nyinaa ho mã.+ Nnan no nyinaa wɔ ntwahonan. 13 Ntwahonan no deɛ, metee nne bi wɔ m’asom sɛ, “O ntwahonan!”
14 Wɔn mu biara wɔ anim nnan.+ Deɛ ɛdi kan yɛ kerubim anim; deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ ɔdasani anim;+ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ gyata anim; na deɛ ɛtɔ so nnan yɛ ɔkɔdeɛ+ anim.
15 Na kerubim no sɔreeɛ;+ ɔno ara ne honhom abɔdeɛ a mehunuu no Kebar+ asubɔnten ho no. 16 Sɛ kerubim no kɔ a, na ntwahonan no di wɔn nkyɛn kɔ;+ na sɛ kerubim no ma wɔn ntaban so pagya wɔn ho firi asase so mpo a, ntwahonan no nnane mfiri wɔn ho.+ 17 Sɛ wɔgyina a, na agyina; na sɛ wɔma wɔn ho so a,+ na ɛno nso ama ne ho so, ɛfiri sɛ na abɔdeɛ no honhom wɔ ntwahonan no mu.+
18 Na Yehowa animuonyam+ firii fie no pono ano kɔgyinaa kerubim no so.+ 19 Afei kerubim no memaa wɔn ntaban so na wɔpagyaa wɔn ho firii asase so+ wɔ m’anim. Berɛ a wɔrekɔ no, na ntwahonan no di wɔn nkyɛnmu, na wɔkɔgyinaa Yehowa fie pono a ɛwɔ apueeɛ fam no ano, na na Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ wɔn so, firi soro.
20 Yei ne honhom abɔdeɛ+ a mehunuu no Israel Nyankopɔn adwa ase wɔ Kebar+ asubɔnten ho no, na mehunuu sɛ wɔyɛ kerubim. 21 Nnan yi mu biara wɔ anim nnan+ ne ntaban nnan, na biribi te sɛ ɔdasani nsa wɔ wɔn ntaban ase. 22 Wɔn anim te sɛ anim a mehunuu no Kebar asubɔnten ho no pɛpɛɛpɛ.+ Na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tẽẽ.+