Hesekiel
9 Na ɔteaam dendeenden guu m’asom sɛ: “Ma wɔn a wɔde kuro no ahyɛ wɔn nsa no biara mfa ne dadeɛ a ɔde bɛsɛe kuro no nkura ne nsam mmra!”
2 Na ɛhɔ ara na mmarima nsia firi atifi+ ponkɛseɛ a ɛhwɛ atifi fam no kwan so baeɛ a obiara kura dadeɛ a ɔde bɛsɛe kuro no, na na ɔbarima baako ka wɔn ho a ɔhyɛ nwera+ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene, na wɔbɛgyinagyinaa kɔbere afɔrebukyia+ no ho.
3 Afei wɔyii Israel Nyankopɔn animuonyam+ a ɛwɔ kerubim+ soɔ no baa fie no pono ano,+ na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera+ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no. 4 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Sene fa kuro no mu, Yerusalem abɔnten, na hyɛ wɔn a wɔresi apini na wɔredi akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ hɔ+ nyinaa ho abooboo+ no moma so agyinaeɛ.”
5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no sɛ: “Monni n’akyi mfa kuro no mu na monkunkum wɔn. Monnhu obiara mmɔbɔ na mommma mo yam nnhyehye mo mmma wɔn.+ 6 Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa, mmɔfra ne mmaa,+ monkunkum wɔn pasaa. Na obiara a wɔahyɛ no agyinaeɛ no deɛ, mommmɛn no,+ na momfiri aseɛ mfiri me kronkronbea hɔ.”+ Enti wɔfirii aseɛ wɔ nkɔkoraa a wɔwɔ fie no anim no so.+ 7 Na ɔka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mongu fie no ho fĩ na monkunkum nnipa nhyɛ adihɔ hɔ mã.+ Monkɔ!” Na wɔfirii adi kɔkunkum nnipa wɔ kuro no mu.
8 Afei berɛ a wɔrekunkum nnipa no a mehunuu sɛ aka me nko ara no, mede m’anim butuu fam+ teaam sɛ: “Ao,+ Awurade Tumfoɔ Yehowa! Enti wobɛhwie w’abufuo agu Yerusalem so asɛe Israelfoɔ a aka nyinaa?”+
9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fie ne Yuda+ bɔne sõ papaapa;+ mogyahwieguo+ ahyɛ asase no so mã, na akɔntɔnkyesɛm+ ahyɛ kuro no mã, na wɔka sɛ, ‘Yehowa agya asase no,+ na Yehowa nhunu.’+ 10 Enti me nso merenhu obiara mmɔbɔ+ na meremma me yam nhyehye me mma wɔn.+ Mɛma wɔn akwan adane aba wɔn tiri so.”+
11 Afei ɔbarima a ɔhyɛ nwera a toa bɔ n’asene no bɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Mayɛ sɛdeɛ wokaeɛ no pɛpɛɛpɛ.”+