29 Menim sɛ me wuo akyi no mobɛyɛ abusudeɛ pii,+ na mobɛmane afiri kwan a maka sɛ momfa soɔ no so. Yei de ɔhaw+ bɛba mo so awieeɛ berɛ no mu, ɛfiri sɛ mobɛyɛ Yehowa ani so bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhuru ne bo.”+
7 Deɛ ɛmaa no baa saa ne sɛ, Israelfoɔ yɛɛ bɔne+ tiaa Yehowa wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Egypt asase so wɔ Egypt hene Farao nsam+ no, na wɔkɔsom anyame foforɔ;+
14 Asɔfoɔ mpanimfoɔ+ ne ɔman no nyinaa nso maa wɔn mmarato dɔɔso bebree, na wɔyɛɛ akyiwadeɛ+ a amanaman no yɛeɛ no bi de guu Yehowa fie a wayɛ no kronkron wɔ Yerusalem no ho fĩ.+