Hesekiel
9 Afei ɔteaam dendeenden wɔ m’asom sɛ: “Frɛ wɔn a wɔde atemmuo reba kuro no so no sɛ obiara mfa ne dadeɛ a ɔde bɛsɛe adeɛ nkura ne nsam mmra!”
2 Atifi ponkɛseɛ+ a ɛhwɛ atifi fam no, mehuu mmarima nsia sɛ wɔfiri kwan a ɛda hɔ no so reba. Ná wɔn mu biara kura dadeɛ a ɔde bɛsɛe adeɛ, na na ɔbarima baako ka wɔn ho a ɔhyɛ nwera ataadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa* bɔ n’asene; wɔbɛgyinagyinaa kɔbere afɔrebukyia no ho.+
3 Ɛnna Israel Nyankopɔn animuonyam+ a ɛwɔ kerubim so no firii baabi a ɛwɔ no baa efie no pono ano,+ na Onyankopɔn teaam frɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no. 4 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sene fa Yerusalem kuro no abɔnten so, na wɔn a wɔresi apini na wɔredi abooboo+ wɔ akyiwadeɛ a wɔreyɛ no hɔ nyinaa ho no,+ hyɛ wɔn moma so agyinaeɛ.”
5 Metee sɛ ɔreka akyerɛ wɔn a aka no sɛ: “Monni n’akyi mfa kuro no mu na monkunkum wɔn. Monnhu obiara mmɔbɔ, na mommma mo yam nnhyehye mo mmma wɔn.+ 6 Nkɔkoraa oo, mmeranteɛ oo, mmaabunu oo, mmɔfra oo, mmaa oo, monkunkum wɔn nyinaa.+ Na obiara a wɔahyɛ no agyinaeɛ no deɛ, mommmɛn no.+ Momfiri aseɛ mfiri me kronkronbea hɔ.”+ Enti wɔfirii aseɛ wɔ mpanimfoɔ a wɔwɔ asɔredan no anim no so.+ 7 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mongu asɔredan no ho fĩ na monkunkum nnipa nhyɛ adihɔ hɔ ma.+ Monkɔ!” Ɛnna wɔfirii adi kɔkunkum nnipa wɔ kuro no mu.
8 Berɛ a wɔrekunkum nnipa no, ɛkaa me nko ara, na mede m’anim butuu fam teaam sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Enti wobɛhwie w’abufuo agu Yerusalem so asɛe Israelfoɔ a aka nyinaa?”+
9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fie ne Yuda bɔne so papaapa.+ Mogyahwieguo ahyɛ asaase no so ma,+ na porɔeɛ ahyɛ kuro no ma.+ Deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa agya asaase no hɔ, na Yehowa nhunu deɛ ɛrekɔ so.’+ 10 Enti me nso merenhu obiara mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wɔn.+ Mɛma wɔn nneyɛɛ ho nsunsuansoɔ aba wɔn tiri so.”
11 Afei mehuu ɔbarima a ɔhyɛ nwera ataadeɛ a toa bɔ n’asene no sɛ ɔrebɔ amanneɛ sɛ: “Mayɛ sɛdeɛ wokaeɛ no pɛpɛɛpɛ.”