23 Na sɛ Yehowa bɛfa ɔman no mu kunkum Egyptfoɔ no na ɔhunu mogya a ɛwɔ aponnwa mmienu no ho ne n’atifi a, Yehowa bɛtwam afa ɛpono no ho na ɔremma ɔsɛeɛ biara mma mo fie.+
18 Hwɛ! Yɛreba asase yi so. Enti fa ahoma kɔkɔɔ yi sɛn mpomma a womaa yɛfaa mu yi ho, na ma wo papa ne wo maame ne wo nuanom ne wo papa fiefoɔ nyinaa mmɛka wo ho wɔ fie ha.+