Hesekiel
12 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, wote atuateɛ fie;+ wɔwɔ ani a ɛhunu adeɛ nanso wɔnhunu adeɛ,+ wɔwɔ aso a ɛte asɛm nanso wɔnte asɛm,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ atuateɛ fie.+ 3 Na wo, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano na yɛ sɛ deɛ woretu akɔ nkoasom mu, na tu awia ma wɔnhunu. Tu firi wo tenabea kɔ baabi foforɔ. Wɔyɛ atuateɛ fie+ deɛ, nanso ebia wɔbɛhunu. 4 Yi wo nneɛma firi adi awia wɔ wɔn anim te sɛ deɛ worekɔ nkoasom mu; na wo ara deɛ, kɔ anwummerɛ te sɛ wɔn a wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu+ na wɔnhunu.
5 “Tu ɛdan no ho tokuro wɔ wɔn anim na fa nneɛma no fa mu firi adi.+ 6 Fa nneɛma no to wo kɔn ho wɔ wɔn anim, na esum duru a, wode afiri adi. Kata w’ani na woanhunu asase no, ɛfiri sɛ mede wo ayɛ sɛnkyerɛnne+ ama Israel fie.”+
7 Ɛnna meyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ me no pɛpɛɛpɛ.+ Awiaberɛ mu na mede me nneɛma firii adi te sɛ deɛ merekɔ nkoasom mu; na ɛduruu anwummerɛ no mede me nsa tuu ɛdan no ho tokuro. Afei esum duruiɛ no, mede firii adi. Mede too me kɔn ho wɔ wɔn anim.
8 Anɔpa no Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Onipa ba, Israel fiefoɔ, atuateɛ fie no,+ ammisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ 10 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɔberempɔn+ no ho atemmusɛm, Yerusalem ne Israel fiefoɔ a wɔwɔ mu nyinaa ho atemmusɛm nie.”’
11 “Ka sɛ, ‘Mene mo sɛnkyerɛnne.+ Deɛ mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtu wɔn ase akɔ, nkoasom mu na wɔbɛkɔ.+ 12 Ɔberempɔn a ɔwɔ wɔn mu no de nneɛma no bɛto ne kɔn ho afiri adi anadwo; wɔbɛtu dan ho tokuro na ɔde afa mu afiri adi.+ Ɔbɛkata n’ani na wamfa n’ani anhunu asase no.’ 13 Mɛtrɛ m’atena mu agu ne so, na m’atena bɛyi no;+ na mede no bɛkɔ Babilon, Kaldeafoɔ asase so,+ nanso ɔrenhunu; na ɛhɔ na ɔbɛwuo.+ 14 Wɔn a wɔatwa ne ho ahyia sɛ wɔbɛboa no ne n’asraafoɔ kuo nyinaa, mɛpete wɔn ama mframa+ biara na matwe nkrantɛ adi wɔn akyi.+ 15 Sɛ mebɔ wɔn pete aman so na mehwete wɔn kɔ nsase so a, wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.+ 16 Na mɛma mmarima kakra afiri nkrantɛ+ ne ɛkɔm ne owuyareɛ ano aka, na wɔatumi aka wɔn abofonodeɛ+ nyinaa ho asɛm wɔ aman a wɔbɛkɔ soɔ no mu,+ na wɔahunu sɛ mene Yehowa.”
17 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, fa ahopopoɔ di w’aduane, na fa ahowosoɔ ne ahoyera nom wo nsuo.+ 19 Na ka kyerɛ asase no sofoɔ sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn a wɔte Yerusalem wɔ Israel asase soɔ nie:+ “Wɔde ahoyera bɛdi wɔn aduane na wɔde ehu anom wɔn nsuo, na asase no bɛda mpan ama deɛ ɛwom nyinaa asa,+ wɔn a wɔte soɔ nyinaa amumuyɔ nti.+ 20 Wɔbɛsɛe nkuro a wɔtete mu no pasaa+ na asase no adane amamfõ,+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.”’”+
21 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 22 “Onipa ba, akasabebuo bɛn na mowɔ wɔ Israel asase so+ sɛ, ‘Nna abɛsene kɔ,+ na anisoadehunu biara ayera’+ yi? 23 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mɛma wɔagyae akasabebuo yi ka, na wɔremmu saa bɛ no wɔ Israel bio.”’+ Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna no ne anisoadehunu biara abɛn.’+ 24 Na anisoadehunu hunu+ anaa nkɔntorɔ biara rentena Israel fie bio.+ 25 ‘“Na me Yehowa, deɛ mɛka ara na mɛka, na ɛbɛyɛ hɔ;+ wɔrentu nhyɛ da bio.+ Atuateɛ fie, mo berɛ so+ na mɛkasa, na mɛyɛ,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’”
26 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 27 “Hwɛ, onipa ba, Israel fie ka sɛ, ‘Anisoadeɛ a ɔhunu no nyɛ nnɛ asɛm koraa, na berɛ a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ.’+ 28 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “‘Wɔrentu m’asɛm biara nhyɛ da bio.+ Deɛ mɛka biara bɛyɛ hɔ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’”+