4 Ɛnna wɔtuu kuro no mu hyɛnee mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa dwanee anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ; saa berɛ no, na Kaldeafoɔ+ no atwa kuro no ho nyinaa ahyia. Ɔhene no nso de n’ani kyerɛɛ+ Araba.+
4 Na ɛbaa sɛ berɛ a Yuda hene Sedekia ne mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa hunuu wɔn no, ntɛm ara na wɔdwane+ firii kuro no mu anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba.+