1 Ahemfo 22:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na Kenaana ba Sedekia yɛɛ dadeɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie,+ ‘Yei na wode bɛpempem Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn aseɛ.’”+ Yeremia 14:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+ Kwadwom 2:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ahuhudeɛ ne nnaadaa anisoadeɛ na w’adiyifoɔ hunu maa woɔ,+Wɔanyi wo mfomsoɔ adi ankyerɛ wo, anka woankɔ nkoasom mu.+Ahuhudeɛ ne nnaadaa atemmuo na wɔhunu maa woɔ.+
11 Na Kenaana ba Sedekia yɛɛ dadeɛ mmɛn, na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie,+ ‘Yei na wode bɛpempem Siriafoɔ no de akɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn aseɛ.’”+
14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
14 Ahuhudeɛ ne nnaadaa anisoadeɛ na w’adiyifoɔ hunu maa woɔ,+Wɔanyi wo mfomsoɔ adi ankyerɛ wo, anka woankɔ nkoasom mu.+Ahuhudeɛ ne nnaadaa atemmuo na wɔhunu maa woɔ.+