Kwadwom
א [ʼAʹleph]
2 O hwɛ sɛdeɛ Yehowa abufuo akata Sion so sɛ mununkum!+
Wato Israel ahoɔfɛ+ afiri soro ahwe fam.+
Wankae ne nan ntiasoɔ+ n’abufuo da no.
ב [Behth]
ג [Giʹmel]
3 N’abufuo mu na watwitwa Israel mmɛn nyinaa aguo.+
Wayi ne nsa nifa ato n’akyi, yɛn atamfo anim;+
Na wadɛre wɔ Yakob so sɛ gya a ɛrehye hyia.+
ד [Daʹleth]
4 Wakuntunu n’agyan mu sɛ ɔtamfo.+ Wayɛ ne nsa nifa+ krado
ה [Heʼ]
5 Yehowa ayɛ sɛ ɔtamfo.+ Wamene Israel.+
Wamemene n’aban atenten nyinaa;+ wasɛe ne nkuro denden no.+
Wama awerɛhoɔ ne adwotwa abu so wɔ Yuda babaa mu.+
ו [Waw]
6 Wabubu ne sese+ basabasa sɛ mfikyifuo.+ Wasɛe n’afahyɛ.
Yehowa ama wɔn werɛ afiri afahyɛ+ ne homeda wɔ Sion,
Na n’abufuo kɛseɛ mu, wammu ɔhene ne ɔsɔfoɔ.+
ז [Zaʹyin]
7 Yehowa ato n’afɔrebukyia atwene.+ Wahura ne kronkronbea ho.+
Ɔde ne tenabea aban no ahyɛ atamfo nsa.+
Wɔama wɔn nne so wɔ Yehowa fie sɛ afahyɛ da.+
ח [Chehth]
8 Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babaa afasuo.+
Watwe susuhoma+ mu. Ɔnyii ne nsa mfirii ɔsɛeɛ ho.+
Wama pampim ne ɔfasuo redi awerɛhoɔ.+ Ne nyinaa agyigya.
ט [Tehth]
9 N’aponkɛseɛ+ amemem kɔ asase yam. Wasɛe ne mmeamu abubu mu.
Ne hene ne ne mpanimfoɔ wɔ amanaman no mu.+ Mmara bi nni hɔ.+
N’adiyifoɔ nso nnyaa anisoadehunu bi mfirii Yehowa hɔ.+
י [Yohdh]
10 Sion babaa mpanimfoɔ tete fam, na wɔayɛ komm wɔ hɔ.+
Wɔde dɔteɛ agu wɔn atifi.+ Wɔfirafira atweaatam.+
Yerusalem mmaabunu tiri sisi fam.+
כ [Kaph]
11 Nisuo ama m’ani abrɛ.+ Me nsono mu hyehye me.+
Me man babaa asehweɛ nti,+ wɔahwie me berɛboɔ agu fam,+
Ɛfiri sɛ mmɔfra ne nkɔkoaa atotɔ piti wɔ kuro mmɔnten so.+
ל [Laʹmedh]
12 Piti a wɔtotɔ wɔ kuro mmɔnten so sɛ atɔfoɔ
Ne wɔn kra a wɔrehwie gu wɔn maamenom kokom nti,
Wɔbisa wɔn maamenom sɛ: “Ɛhe na aduane ne bobesa wɔ?”+
מ [Mem]
13 O Yerusalem babaa, ɛdeɛn na memfa nyɛ adanseɛ mma woɔ? Ɛdeɛn ho na memfa wo ntotoɔ?+
O Sion babaa, ɔbaabunu, ɛdeɛn na memma ɛne wo nsɛ na menkyekyere wo werɛ?+
נ [Nun]
14 Ahuhudeɛ ne nnaadaa anisoadeɛ na w’adiyifoɔ hunu maa woɔ,+
Wɔanyi wo mfomsoɔ adi ankyerɛ wo, anka woankɔ nkoasom mu.+
Ahuhudeɛ ne nnaadaa atemmuo na wɔhunu maa woɔ.+
ס [Saʹmekh]
15 Wɔn a wɔtwam kwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.
Wɔabɔ hwerɛma+ awoso wɔn ti+ agu Yerusalem babaa so sɛ:
“Kuro a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no nie?”+
פ [Peʼ]
16 W’atamfo nyinaa abue wɔn anom wɔ wo so.+
ע [ʽAʹyin]
17 Yehowa ayɛ deɛ ɔsusuiɛ no.+ Wawie deɛ ɔkaeɛ no,+
Deɛ ɔfiri tete nna mu hyɛeɛ no.+ Wadwiri agu, na wanhunu mmɔbɔ.+
Wo so na wama ɔtamfo adi ahurisie.+ Wama w’atamfo mmɛn so kɔ soro.+
צ [Tsa·dhehʹ]
18 O Sion babaa fasuo,+ wɔn akoma asu afrɛ Yehowa.+
Ma nisuo nsene awia ne anadwo sɛ asubɔnten.+
Ntena hɔ dinn. Mma w’ani kosua nnyɛ komm.
ק [Qohph]
19 Sɔre! Bɔ abubuo anadwo awɛmfoɔ dɔn+ mfitiaseɛ.
Hwie w’akoma gu+ Yehowa anim+ sɛ nsuo.
Ma wo nsa so kyerɛ soro,+ wo mma kra nti,
Wɔn a mmɔnten ntwea so kɔm ama wɔatotɔ piti no nyinaa nti.+
ר [Rehsh]
20 O Yehowa, hwɛ na hunu+ deɛ wo ne no adi no yayaaya saa no.
Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafumma, wɔn mma ahoɔdenfoɔ a wɔawo wɔn no?+
Anaa Yehowa kronkronbea hɔ na ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ?+
ש [Shin]
ת [Taw]