Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 34:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Ɔyi n’adɔeɛ adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.”+

  • Yeremia 13:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Agyanom ne mma, mɛkeka wɔn nyinaa tiri abobom,”+ Yehowa asɛm nie. “Me yam renhyehye me, na ɛrenyɛ me awerɛhoɔ, na merenhu mmɔbɔ sɛ meresɛe wɔn.”’+

  • Kwadwom 2:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  2 Yehowa amene Yakob tenabea, wanhu mmɔbɔ.+

      Wadwiri Yuda babaa nkuro denden agu fam,+ n’abufuo mu.

      Ɔde no ato fam,+ na wagu n’ahennie+ ne ne mpanimfoɔ ho fĩ.+

  • Kwadwom 3:43
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 43 Wode abufuo asi kwan,+ na wotĩ yɛn.+ Woakum; woanhunu mmɔbɔ.+

  • Hesekiel 5:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Sɛ mete aseɛ yi, ɛsiane sɛ wode w’atantanneɛ+ ne w’akyiwadeɛ+ nyinaa agu me kronkronbea ho fĩ nti, me nso mɛhwan wo so+ na merenhu wo mmɔbɔ,+ na me yam renhyehye me mma wo.+

  • Hesekiel 7:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Merenhu wo mmɔbɔ+ na me yam renhyehye me mma wo; mɛma w’akwan adane aba wo so, na mɛma woatwa wo ara w’akyiwadeɛ so aba,+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.’+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane