Yeremia
13 Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie: “Kɔ na kɔpɛ nwera abɔsoɔ, na fa bɔ w’asene, nso mfa nka nsuo.” 2 Ɛnna medii Yehowa asɛm no so kɔpɛɛ abɔsoɔ, na mede bɔɔ m’asene. 3 Na Yehowa asɛm baa me nkyɛn ne mprenu soɔ sɛ: 4 “Fa abɔsoɔ a wonyaeɛ a ɛbɔ w’asene no, na sɔre kɔ Eufrate+ ho fa kɔhunta ɔbotan tokuro mu.” 5 Enti mekɔeɛ, na mede kɔhuntaa Eufrate ho sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ me no.
6 Na nna pii akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre kɔ Eufrate ho, na kɔfa abɔsoɔ a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔhunta hɔ no bra.” 7 Ɛnna mekɔɔ Eufrate ho kɔtutu yii abɔsoɔ no firii baabi a mede kɔhuntaeɛ no, na hwɛ! na abɔsoɔ no asɛe a wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yie.
8 Ɛnna Yehowa asɛm baa me nkyɛn sɛ: 9 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Saa na mɛsɛe Yuda ahantan+ ne Yerusalem ahantan dodoɔ no. 10 Saa ɔman bɔne a wɔmpɛ sɛ wɔtie me nsɛm yi,+ wɔnam wɔn akoma atuateɛ+ mu akɔdi anyame foforɔ akyi sɛ wɔbɛsom wɔn akoto wɔn.+ Wɔn nso bɛyɛ sɛ abɔsoɔ a wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yie yi.’ 11 ‘Sɛdeɛ onipa bɔ abɔsoɔ ma ɛfam n’asene no, saa na mede Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa fam me ho,’+ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ wɔnyɛ me man+ ne m’animuonyam din+ ne m’ayeyie ne m’ahoɔfɛ, nanso wɔantie.’+
12 “Na ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Ahina deɛ, wɔde nsã na ɛhyɛ no mã.”’+ Na wɔn nso bɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn deɛ, yɛnnim sɛ nsã na wɔde hyɛ ahina mã anaa?’ 13 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, asase yi sofoɔ nyinaa ne ahemfo a wɔte Dawid adwa+ soɔ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa, mɛma wɔabobo sram.+ 14 Agyanom ne mma, mɛkeka wɔn nyinaa tiri abobom,”+ Yehowa asɛm nie. “Me yam renhyehye me, na ɛrenyɛ me awerɛhoɔ, na merenhu mmɔbɔ sɛ meresɛe wɔn.”’+
15 “Montie na monyɛ aso. Monnyɛ ahantan,+ na Yehowa na akasa.+ 16 Monhyɛ Yehowa mo Nyankopɔn animuonyam+ ansa na wama esum aba,+ ansa na mo nan apempem mu wɔ mmepɔ so adesaeɛ.+ Na mobɛhwɛ hann kwan,+ nanso ɔbɛma no adane sunsum;+ ɔbɛdane no esum kabii.+ 17 Sɛ moantie a,+ mo ahantan no nti, me kra bɛsu ahuntaeɛ mu na ate nisuo;+ Yehowa nnwankuo a wɔafa wɔn nnommum nti,+ nisuo bɛsene afiri m’ani ase.
18 “Ka kyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ,+ ‘Montena fam,+ ɛfiri sɛ mo abotire fɛfɛ no bɛfiri mo tiri atɔ fam.’+ 19 Wɔatoto anafoɔ nkuro mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛbue. Wɔde Yuda nyinaa kɔ nkoasom mu. Wɔde wɔn kɔ nkoasom mu korakora.+
20 “Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba no.+ Nnwankuo a wɔde maa woɔ no, wo nnwankuo fɛfɛ no, ɛhe na wɔwɔ?+ 21 Sɛ wɔn a mfitiaseɛ no wo ne wɔn dii atirimusɛm, na wokyerɛkyerɛɛ wɔn no dane ba wo so a,+ ɛdeɛn na wobɛka?+ Anka awoko yea renkye wo sɛ ɔbaa a awoɔ aka no anaa?+ 22 Na sɛ woka no w’akomam sɛ,+ ‘Adɛn nti na yei nyinaa aba me so?’+ a, hunu sɛ wo bɔne dodoɔ nti na wɔapa wo ho ntoma;+ ɛno nti na wɔahyɛ wo nantin brɛ no.
23 “Kusni+ bɛtumi asesa ne honam? Ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nworonworan no?+ Ɛnneɛ anka mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a wɔakyerɛkyerɛ mo bɔneyɛ no.+ 24 Enti mɛbɔ wɔn ahwete+ sɛ ntɛtɛ a serɛ so mframa hu korɔ.+ 25 Wo kyɛfa nie, wo kyɛfa a masusu ama woɔ,”+ Yehowa asɛm nie, “ɛfiri sɛ wo werɛ afiri me,+ na nkontompo na wode wo ho ato soɔ.+ 26 Enti mɛyi wo ntoma abua w’anim, na wɔahunu w’animguaseɛ:+ 27 w’awaresɛeɛ+ ne wo nteamu,+ w’ahohwie ne w’adwamammɔ. Nkokoɔ so ne wuram nyinaa, mahunu w’atantanneɛ no.+ O Yerusalem, due! Wo ho ntumi nte+—ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn?”+