11 Saa da no, w’ani renwu sɛ woyɛɛ nneɛma de tõõ me mmara,+ ɛfiri sɛ mɛyi ahantanfoɔ a wɔhoahoa wɔn ho no afiri wo mu;+ na woremma wo ho so bio wɔ me bepɔ kronkron no so.+
14 Meka kyerɛ mo sɛ, ɔbarima yi san kɔɔ ne fie sɛ ɔteneneeni+ senee ɔbarima baako no; ɛfiri sɛ obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma no so.”+
5 Saa ara na mo mmeranteɛ nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanimfoɔ ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛaseɛ adwene mmɔ mo asene mfa nsonsom mo ho,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ahantanfoɔ di asie, nanso ɔdom ahobrɛasefoɔ.+