14 Nnipa nyinaa nni nteaseɛ ma enti wɔnni nimdeɛ.+ Ɔtomfoɔ biara ani bɛwu ne honi a wayɛ ho,+ ɛfiri sɛ ne dadeɛ honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+
18 Sɛ odwumfoɔ sene ohoni a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ dadeɛ honi ne atorɔ kyerɛkyerɛfoɔ+ soɔ?+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ odwumfoɔ de ne ho to deɛ wayɛ so+ na ɔyɛ anyamehunu a ɛntumi nkasa?+