Yeremia 6:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Wɔn nyinaa aso yɛ den dodo;+ wɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din,+ wɔte sɛ kɔbere ne dadeɛ. Wɔn nyinaa asɛe.+ Yeremia 9:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Wɔn akoma+ bɔne atuateɛ mu na wɔnanteeɛ, na wɔkɔdii Baal anyame+ a wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no akyi.+ Yeremia 11:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantee n’akoma+ bɔne atuateɛ mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni so a wɔanni soɔ no nyinaa baa wɔn so.’” Yeremia 16:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Mo deɛ, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom deɛ,+ na obiara nante n’akoma bɔne atuateɛ+ mu, na ɔntie me.+ Asomafoɔ Nnwuma 7:51 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 51 “Nnipa a moasene mo kɔn na moyɛ akoma ne aso mu momonotofoɔ,+ berɛ nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.+
28 Wɔn nyinaa aso yɛ den dodo;+ wɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din,+ wɔte sɛ kɔbere ne dadeɛ. Wɔn nyinaa asɛe.+
14 Wɔn akoma+ bɔne atuateɛ mu na wɔnanteeɛ, na wɔkɔdii Baal anyame+ a wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no akyi.+
8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantee n’akoma+ bɔne atuateɛ mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni so a wɔanni soɔ no nyinaa baa wɔn so.’”
12 Mo deɛ, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom deɛ,+ na obiara nante n’akoma bɔne atuateɛ+ mu, na ɔntie me.+
51 “Nnipa a moasene mo kɔn na moyɛ akoma ne aso mu momonotofoɔ,+ berɛ nyinaa moko tia honhom kronkron no; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.+