Atemmufoɔ 3:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Enti Israelfoɔ yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ firii Yehowa wɔn Nyankopɔn+ na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.+ 1 Samuel 12:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na wɔsu frɛɛ Yehowa+ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ na yɛagya Yehowa akɔsom Baal anyame+ ne Astoret+ ahoni. Afei gye yɛn+ firi yɛn atamfo nsam na yɛnsom wo.’ Hosea 11:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Wɔfrɛɛ wɔn,+ nanso wɔgu so refrɛ wɔn no, na wɔretwe wɔn ho kɔ.+ Wɔkɔɔ so ara bɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni,+ na wɔmaa wɔn afɔrebɔdeɛ firii wisie maa abosom.+
7 Enti Israelfoɔ yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, na wɔn werɛ firii Yehowa wɔn Nyankopɔn+ na wɔkɔsom Baal ahoni+ ne abosonnua.+
10 Na wɔsu frɛɛ Yehowa+ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ na yɛagya Yehowa akɔsom Baal anyame+ ne Astoret+ ahoni. Afei gye yɛn+ firi yɛn atamfo nsam na yɛnsom wo.’
2 “Wɔfrɛɛ wɔn,+ nanso wɔgu so refrɛ wɔn no, na wɔretwe wɔn ho kɔ.+ Wɔkɔɔ so ara bɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni,+ na wɔmaa wɔn afɔrebɔdeɛ firii wisie maa abosom.+