19 “Na sɛ obi te ntanka yi+ na ɔhyira ne ho n’akomam ka sɛ ‘Mepirim m’akoma mpo a,+ mɛnya asomdwoeɛ,’+ na ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛpra deɛ asi frɔmm ne deɛ ahoa nyinaa akɔ a,
19 Nanso sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔdane wɔn ho kɔyɛ akyiwadeɛ a ɛsene deɛ wɔn agyanom ayɛ pɛn, na wɔkɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn koto wɔn.+ Wɔansesa wɔn akwan na wɔannane amfiri wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.+
29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho deɛ, nanso wɔdii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wɔbuu nnua guu wɔn asom+ na wɔsensenee wɔn kɔn,+ na wɔantie.+