29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho deɛ, nanso wɔdii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wɔbuu nnua guu wɔn asom+ na wɔsensenee wɔn kɔn,+ na wɔantie.+
30Yehowa asɛm nie: “Mma atuatefoɔ,+ monnue. Agyinatusɛm a wɔdi akyire no mfiri me,+ na nsã a wɔgu yɛ apam no, me honhom nni akyire; wɔde bɔne ka bɔne ho.+
17 Saa berɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahennwa,+ na ɛhɔ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abɛhyia+ ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenni wɔn atuateɛ akoma bɔne no akyi bio.”+
12 Na wɔmaa wɔn akoma+ yɛɛ dendeenden sɛ boɔ, na wɔantie mmara+ ne asɛm a asafo Yehowa nam ne honhom+ so de maa tete adiyifoɔ+ no. Enti asafo Yehowa ani beree wɔn so dendeenden.”+
21 ɛfiri sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase+ nso, mmom no, wɔsusuu nsɛnhuhuo+ ho, na wɔn akoma a asene no duruu sum.+