Dwom 2:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Momfa osuro+ nsom Yehowa,Na momfa ahopopoɔ nni ahurisie.+ Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri. Mmebusɛm 23:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Mma w’akoma ani mmmere abɔnefoɔ,+ na suro Yehowa daa nyinaa.+ Yeremia 32:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam,+ na merennane mfiri wɔn akyi, na mɛyɛ wɔn yie;+ mede me ho suro bɛhyɛ wɔn akoma mu na wɔannane amfiri m’akyi.+ Filipifoɔ 2:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ motie berɛ nyinaa,+ na ɛnyɛ berɛ a mewɔ hɔ nko, na mmom seesei a menni hɔ mpo moyɛ ma ɛsene saa no, monkɔ so mfa osuro+ ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma;
40 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam,+ na merennane mfiri wɔn akyi, na mɛyɛ wɔn yie;+ mede me ho suro bɛhyɛ wɔn akoma mu na wɔannane amfiri m’akyi.+
12 Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ motie berɛ nyinaa,+ na ɛnyɛ berɛ a mewɔ hɔ nko, na mmom seesei a menni hɔ mpo moyɛ ma ɛsene saa no, monkɔ so mfa osuro+ ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma;