8 Wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ sɛ wɔmfa soɔ no so,+ wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa. Wɔayɛ nantwie ba honi, na wɔkoto no bɔ afɔdeɛ ma no, na wɔka sɛ: ‘Israel man, mo Nyankopɔn nie. Ɔno na ɔdii mo anim firii Egypt asase soɔ.’”+
8 “‘“Nanso wɔtee me so atua,+ na wɔantie me. Wɔn mu biara anto akyiwadeɛ a n’ani gye ho no angu, na wɔannya Egypt abosom fĩ no.+ Enti mekaa sɛ mɛhwie m’abufuo agu wɔn so, na mede m’anibereɛ awie wɔn so wɔ Egypt asase so.+