7 “Kae: Mma wo werɛ mmfiri sɛdeɛ wohyɛɛ Yehowa wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ no soɔ no.+ Ɛfiri da a mofirii Egypt bɛsi nnɛ a mowɔ ha yi, daa mote atua tia Yehowa.+
23 na atuateɛ+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne korɔ, na aniammɔnho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ adekorɔ. Ɛsiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+
26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden+ na wɔtee w’anim atua,+ na wo mmara nso wɔto twenee wɔn akyi,+ na w’adiyifoɔ a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no,+ wɔkunkum wɔn,+ na wɔbuu wo animtia kɛse.+