14 “Enti afei monsuro Yehowa+ na momfa akoma kronn ne nokorɛdie+ nsom no. Na monto anyame a mo agyanom som wɔn asubɔnten kɛseɛ no agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa.
8 “‘Afei ɛrenkyɛ na mahwie m’abufuo agu wo so,+ na mede m’anibereɛ bɛwie wo so;+ mɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan teɛ+ na mama w’akyiwadeɛ nyinaa adane aba wo so.