Hesekiel
7 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Israel asase nie, ‘Awieeɛ—asase no afanan nyinaa awieeɛ aduru.+ 3 Afei w’awieeɛ aduru,+ na mɛsoma m’abufuo aba wo so; mɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan teɛ+ na mama w’akyiwadeɛ nyinaa adane aba wo so. 4 Merenhu wo mmɔbɔ+ na me yam renhyehye me mma wo; mɛma w’akwan adane aba wo so, na mɛma woatwa wo ara w’akyiwadeɛ so aba,+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.’+
5 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mmusuo, mmusuo soronko bi reba.+ 6 Awieeɛ bɛba.+ Awieeɛ bɛsɔre abɛto wo; hwɛ, ɛreba.+ 7 Wo a wote asase no soɔ, mmusuo abotire bɛba wo so; berɛ no bɛba, da no abɛn.+ Ɛbɛyɛ gyegyeegye, na ɛnyɛ mmepɔ so osebɔ.
8 “‘Afei ɛrenkyɛ na mahwie m’abufuo agu wo so,+ na mede m’anibereɛ bɛwie wo so;+ mɛbu wo atɛn sɛdeɛ w’akwan teɛ+ na mama w’akyiwadeɛ nyinaa adane aba wo so. 9 Merenhu wo mmɔbɔ+ na me yam renhyehye me mma wo;+ mɛma w’akwan adane aba wo so na woatwa wo ara w’akyiwadeɛ so aba,+ na mobɛhunu sɛ me Yehowa na merebobɔ mo.+
10 “‘Hwɛ da no. Hwɛ, da no reba.+ Abotire no nam kwan so.+ Abaa no afefɛ.+ Ahantan afifi.+ 11 Basabasayɛ asɔre agyina na adane amumuyɔ abaa.+ Ɛmfiri wɔn, ɛmfiri wɔn ahodeɛ, ɛmfiri wɔn ara, na animuonyam biara nni wɔn mu. 12 Ɛberɛ no bɛba, da no bɛduru. Mma ɔdetɔfoɔ nnni ahurisie+ na ɔdetɔnfoɔ nso nnni awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ aba dɔm no nyinaa so. 13 Sɛ ɔdetɔnfoɔ no te ase mpo a, ɔrentumi nkɔ deɛ watɔn no ho bio, na anisoadehunu no fa ne dɔm nyinaa ho. Obiara nni hɔ a ɔbɛsan n’akyi, na wɔn bɔne rentumi nnye wɔn nkwa.
14 “‘Wɔahyɛne totorobɛnto+ na obiara asiesie ne ho, nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkɔ akɔko, ɛfiri sɛ m’abufuhyeɛ aba ne dɔm nyinaa so.+ 15 Nkrantɛ+ wɔ abɔnten so, na owuyareɛ ne ɛkɔm wɔ fie.+ Deɛ ɔwɔ afuo mu no bɛtɔ nkrantɛ ano, na deɛ ɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne owuyareɛ bɛmene no.+ 16 Na wɔn a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu no bɛdwane+ akɔ mmepɔ so, na wɔbɛyɛ sɛ abɔn mu mmorɔnoma a wɔresi apini,+ obiara bɔne nti. 17 Nsa nyinaa mu bɛhodwo,+ na nkotodwe nyinaa bɛporo nsuo.*+ 18 Wɔfirafira atweaatam+ na ahopopoɔ dura wɔn ho,+ aniwuo wɔ wɔn nyinaa anim+ na wɔn nyinaa tiri ho apa.+
19 “‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛdane atantanneɛ. Wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuo da no.+ Wɔrentumi mma wɔn kra mmee, na wɔrenhyɛ wɔn yafunu mã, ɛfiri sɛ ɛyɛ suntidua a ɛma wɔyɛ bɔne.+ 20 Wɔn agudeɛ fɛfɛ no ama wɔayɛ ahantan, na wɔde ayɛ akyiwadeɛ ahoni,+ wɔn abofonodeɛ no.+ Enti mɛma adane atantanneɛ ama wɔn.+ 21 Mede bɛhyɛ ahɔhoɔ nsa ama wɔafom na mede ama nnebɔneyɛfoɔ ama wɔafa sɛ asadeɛ,+ na wɔbɛgu ho fĩ.
22 “‘Mɛyi m’ani afiri wɔn so,+ na wɔbɛgu m’akoraeɛ ho fĩ, na akorɔmfoɔ bɛba abɛgu ho fĩ.+
23 “‘Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn no,+ ɛfiri sɛ atemmuo ho mogya ahyɛ asase no so mã,+ na basabasayɛ nso ayɛ kuro no mã.+ 24 Na mede aman no mu abɔnefoɔ+ bɛba ama wɔabɛfa wɔn afie;+ mɛma ahoɔdenfoɔ ahantan agyae+ na wɔn asɔredan ho agu fĩ.+ 25 Ahoyera bɛba, na wɔbɛhwehwɛ asomdwoeɛ nanso wɔrennya bi.+ 26 Amanehunu bɛdi amanehunu akyi,+ amanneɛbɔ bɛdi amanneɛbɔ akyi, na nnipa bɛhwehwɛ anisoadehunu afiri adiyifoɔ hɔ,+ na mmara bɛyera afiri asɔfoɔ anom na afotuo ayera afiri mpanimfoɔ tirim.+ 27 Ɔhene bɛdi awerɛhoɔ;+ ɔberempɔn bɛfira ahoyera+ na asase no sofoɔ nsam ahodwo. Me ne wɔn bɛdi sɛdeɛ wɔn akwan teɛ+ na wɔn atemmuo na mede bɛbu wɔn atɛn,+ na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.’”+