Esra 9:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, wotene,+ ɛfiri sɛ yɛafiri mu aka de abɛsi nnɛ da yi. Yɛwɔ w’anim yɛn asodie+ mu; asɛm yi nti, obiara ntumi nnyina w’anim.”+ Yesaia 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Sɛ asafo Yehowa annya nkaefoɔ kakra amma yɛn a,+ anka yɛayɛ sɛ Sodom na yɛadane sɛ Gomora.+ Yesaia 37:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Na Yuda fiefoɔ a wɔafiri mu aka+ no bɛgye nhini akɔ fam, na wɔbɛnyini akɔ soro na wɔaso aba.+ Hesekiel 6:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “‘“Na sɛ mobɔ hwete nsase so a, mɛma mo mu nkaefoɔ bi adwane afiri nkrantɛ ano wɔ amanaman no mu.+
15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, wotene,+ ɛfiri sɛ yɛafiri mu aka de abɛsi nnɛ da yi. Yɛwɔ w’anim yɛn asodie+ mu; asɛm yi nti, obiara ntumi nnyina w’anim.”+