10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+
28 Na nnipa kakraa bi na wɔbɛfiri nkrantɛ ano aka, na wɔafiri Egypt asase so akɔ Yuda asase so,+ na Yuda nkaeɛ a wɔabɛtena Egypt asase so sɛ ahɔhoɔ no nyinaa bɛhunu deɛ n’asɛm yɛ nokorɛ, sɛ me deɛ oo, sɛ wɔn deɛ oo.”’”+
22 Nanso hwɛ, nnipa bi bɛfiri mu aka na wɔde wɔn afiri adi.+ Wɔyɛ mma mmarima ne mma mmaa! Wɔbɛfiri adi aba mo nkyɛn na moahunu wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ.+ Na mo werɛ bɛkyekyere wɔ mmusuo ne biribiara a mede baa Yerusalem soɔ no ho.’”