44 Nanso berɛ a wɔwɔ wɔn atamfo asase soɔ mpo no, merempo wɔn+ koraa na meremmu wɔn sɛ abofonodeɛ+ a enti mɛtɔre wɔn aseɛ. Merenyɛ saa na mammu apam a me ne wɔn ayɛ no so,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.
13 Ɛda no wɔbɛhyɛne abɛn+ kɛseɛ bi, na wɔn a wɔayera wɔ Asiria+ asase soɔ ne wɔn a wɔabɔ wɔn apansam Egypt+ asase soɔ no bɛba abɛkoto+ Yehowa wɔ bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.+
14 Na Yuda nkaeɛ a wɔakɔtena Egypt+ asase so sɛ ahɔhoɔ no biara remfiri mu nka, na wɔrennya wɔn tiri nnidi mu na wɔrensan nkɔ Yuda a wɔn kra pɛ sɛ ɛkɔ hɔ no, na wɔrenkɔtena hɔ,+ ɛfiri sɛ wɔrensan nkɔ hɔ, gye nkaefoɔ kakraa bi.’”