3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔ so, Yakob Nyankopɔn fie, na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanante n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara bɛfiri aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.+
17 Saa berɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahennwa,+ na ɛhɔ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abɛhyia+ ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenni wɔn atuateɛ akoma bɔne no akyi bio.”+