25 “Pataku+ ne odwan bɛbom adidi+ na gyata awe wura sɛ nantwie;+ na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane.+ Wɔrenyɛ bɔne+ na wɔrensɛe adeɛ, me bepɔ kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na aka.
35 Saa berɛ no, dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere, dwetɛ ne sika no nyinaa bubuiɛ, na ɛyɛɛ sɛ ahuhuro berɛ mu ayuporobea so ntɛtɛ,+ na mframa sesa kɔeɛ, na wɔanhunu ɛho biribiara bio.+ Ɛboɔ a ɛbɔɔ ohoni no danee bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.+