Yesaia 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Na ɔbɛbu atɛn amanaman no mu,+ na ɔbɛsiesie+ nsɛm ama aman pii.+ Na wɔde wɔn nkrantɛ bɛyɛ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman bi so, na wɔrensua akodie bio.+ Yesaia 35:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Gyata biara remma hɔ, na akekaboa biara remfa so.+ Wɔrenhunu bi wɔ hɔ;+ wɔn a wɔatɔ wɔn afiri nkoasom mu no na wɔbɛfa soɔ.+ Yesaia 60:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asase so bio, na wɔrente amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ wɔ w’ahyeɛ so.+ Wobɛfrɛ w’afasuo sɛ Nkwagyeɛ+ na woafrɛ wo nkuro apono sɛ Ayeyie. Mika 4:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase,+ na obiara renyi wɔn hu.+ Asafo Yehowa no ara anom asɛm nie.+ Efesofoɔ 4:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 mmom no, momma wɔnkɔ so nyɛ mo foforɔ wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu,+
4 Na ɔbɛbu atɛn amanaman no mu,+ na ɔbɛsiesie+ nsɛm ama aman pii.+ Na wɔde wɔn nkrantɛ bɛyɛ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrantɛ ɔman bi so, na wɔrensua akodie bio.+
9 Gyata biara remma hɔ, na akekaboa biara remfa so.+ Wɔrenhunu bi wɔ hɔ;+ wɔn a wɔatɔ wɔn afiri nkoasom mu no na wɔbɛfa soɔ.+
18 “Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asase so bio, na wɔrente amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ wɔ w’ahyeɛ so.+ Wobɛfrɛ w’afasuo sɛ Nkwagyeɛ+ na woafrɛ wo nkuro apono sɛ Ayeyie.
4 Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase,+ na obiara renyi wɔn hu.+ Asafo Yehowa no ara anom asɛm nie.+