Mmebusɛm 11:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Pɛyɛfoɔ tenenee na ɛbɛma ne kwan ayɛ tee,+ na ɔbɔnefoɔ amumuyɔ na ɛbɛma no ahwe aseɛ.+ Mateo 3:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Nokorɛm no, oyi ne deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia+ so kaa ne ho asɛm sɛ: “Tie! Obi reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Monsiesie+ Yehowa kwan! Momma n’akwan ntene.’” Luka 3:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Momma abɔn nyinaa nyɛ mã, na monnwiri mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ngu fam, na deɛ akyea no momma no ntene na monkyimmɔnka nnane akwan tonomtonom;+ Yohane 1:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɔkaa sɛ: “Mene deɛ ne nne reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Momma Yehowa kwan ntene,’ sɛdeɛ odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.”+ 2 Timoteo 3:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu,+ na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ,+ ntɛnyie,+ nneɛma atenetene,+ tenenee mu ntenesoɔ,+ Hebrifoɔ 9:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 na mmom ɛfa nnuane+ ne anonneɛ+ ne asubɔ*+ nko ara ho. Ná ɛyɛ mmara mu ahyɛdeɛ a ɛfa honam nneɛma ho,+ na wɔde sii hɔ kɔsii sɛ berɛ a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yie no bɛba.+
3 Nokorɛm no, oyi ne deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia+ so kaa ne ho asɛm sɛ: “Tie! Obi reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Monsiesie+ Yehowa kwan! Momma n’akwan ntene.’”
5 Momma abɔn nyinaa nyɛ mã, na monnwiri mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ngu fam, na deɛ akyea no momma no ntene na monkyimmɔnka nnane akwan tonomtonom;+
23 Ɔkaa sɛ: “Mene deɛ ne nne reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Momma Yehowa kwan ntene,’ sɛdeɛ odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.”+
16 Twerɛnsɛm no nyinaa firi Onyankopɔn honhom mu,+ na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ,+ ntɛnyie,+ nneɛma atenetene,+ tenenee mu ntenesoɔ,+
10 na mmom ɛfa nnuane+ ne anonneɛ+ ne asubɔ*+ nko ara ho. Ná ɛyɛ mmara mu ahyɛdeɛ a ɛfa honam nneɛma ho,+ na wɔde sii hɔ kɔsii sɛ berɛ a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yie no bɛba.+