2 Samuel 17:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ahitofel deɛ, berɛ a ɔhunuu sɛ wɔamfa n’afotuo anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afunumu, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamanseɛ,+ na ɔsɛn+ ne ho wuiɛ.+ Na wɔsiee+ no n’agyanom asieeɛ. Ester 7:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Enti wɔkɔsɛnee Haman wɔ dua+ a ɔyɛ maa Mordekai+ no so na ɔhene no bo dwoeɛ. Dwom 9:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Amanaman no atɔ amena a wɔatuo mu;+Asau+ a wɔde huntaeɛ no, ayi wɔn ara nan.+ Mmebusɛm 5:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔno ara n’amumuyɔ na ɛbɛyi no,+ na ɔno ara bɔne nhoma na ɛbɛkyekyere no.+
23 Ahitofel deɛ, berɛ a ɔhunuu sɛ wɔamfa n’afotuo anyɛ adwuma+ no, ɔhyehyɛɛ afunumu, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔhyɛɛ ne fie nsamanseɛ,+ na ɔsɛn+ ne ho wuiɛ.+ Na wɔsiee+ no n’agyanom asieeɛ.