Dwom 26:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 W’adɔeɛ wɔ m’anim,Na manante wo nokorɛ no mu.+ Mmebusɛm 10:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Mfasoɔ remma ɔbɔnefoɔ ademudeɛ so,+ na tenenee na ɛbɛgye onipa afiri owuo mu.+ Mmebusɛm 13:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Adetenenee kora onipa a ne kwan yɛ pɛ so,+ na amumuyɔ tutu ɔbɔnefoɔ ase.+