Mmebusɛm
Ɔba nyansafoɔ ma ne papa ani gye,+ na ɔba kwasea hyɛ ne maame awerɛhoɔ.+ 2 Mfasoɔ remma ɔbɔnefoɔ ademudeɛ so,+ na tenenee na ɛbɛgye onipa afiri owuo mu.+ 3 Yehowa remma ɛkɔm nne ɔteneneeni kra,+ na abɔnefoɔ akɔnnɔdeɛ deɛ, ɔbɛka agu.+
4 Ohia bɛhia deɛ ɔde aniha nsa yɛ adwuma,+ na nsiyɛfoɔ nsa na ɛbɛma onipa adi yie.+
5 Deɛ ɔboaboa ano ahuhuro berɛ no yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu; na deɛ ɔda hatee twaberɛ no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwuo.+
6 Nhyira wɔ ɔteneneeni atifi,+ na abɔnefoɔ ano deɛ, ɛkata amumuyɔ so.+ 7 Ɔteneneeni nkaeɛ bɛyɛ nhyira,+ na abɔnefoɔ din deɛ, ɛbɛporɔ.+
8 Akoma mu nyansafoɔ bɛgye mmara nsɛm atom,+ na deɛ ɔde n’ano ka nkwaseasɛm deɛ, wɔbɛtiatia ne so.+
9 Deɛ ɔnam mũdie* mu no bɛnante dwoodwoo,+ na deɛ ɔkyeakyea n’akwan deɛ, ɔbɛma nnipa ahu no.+
10 Deɛ ɔbubu n’ani no ma nkurɔfoɔ di yea,+ na deɛ ɔde n’ano ka nkwaseasɛm deɛ, wɔbɛtiatia ne so.+ 11 Ɔteneneeni ano yɛ nkwa nsutire;+ na abɔnefoɔ ano deɛ, ɛkata amumuyɔ so.+
12 Ɔtan toto nnipa ntam,+ na ɔdɔ deɛ, ɛkata bɔne nyinaa so.+
13 Nyansa wɔ onipa a ɔwɔ nteaseɛ ano,+ na abaa wɔ hɔ ma deɛ ɔnni tire* akyi.+
14 Anyansafoɔ na wɔkora nimdeɛ,+ na ɔkwasea ano deɛ, ɛbɛn ɔsɛeɛ.+
15 Ɔdefoɔ ahonyadeɛ ne ne kuro a ɛyɛ den,+ na abrɛfoɔ deɛ, wɔn hia na ɛsɛe wɔn.+
16 Ɔteneneeni nnwuma ma nkwa;+ ɔbɔnefoɔ aba deɛ, ɛwie bɔne.+
17 Deɛ ɔsɔ ntenesoɔ mu no nim nkwa kwan,+ na deɛ ɔntie kasakyerɛ no deɛ, ɔma nnipa fom kwan.+
18 Deɛ ɔkata ɔtan soɔ no wɔ atorɔ ano,+ na deɛ ɔsɛe nkurɔfoɔ din no yɛ kwasea.+
19 Mfomsoɔ mpa kasa dodoɔ mu,+ na deɛ ɔsianka n’ano no yɛ ɔbadwemma.+
20 Ɔteneneeni kɛtrɛma yɛ dwetɛ amapa;+ ɔbɔnefoɔ akoma deɛ, mfasoɔ nni so.+
21 Ɔteneneeni ano yɛn nnipa pii,+ na nkwaseafoɔ deɛ, etire a wɔnnie nti, wɔwuwu.+
22 Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefoɔ,+ na ɔmfa yea biara nka ho.+
23 Ɔkwasea bu ahohwibra sɛ agorɔ,+ na onipa a ɔwɔ nhunumu deɛ,+ nyansa yɛ ne dea.
24 Adeɛ a ɔbɔnefoɔ suro no—ɛno ara na ɛbɛba ne soɔ;+ na ateneneefoɔ apɛdeɛ deɛ, wɔbɛyɛ ama wɔn.+
25 Sɛdeɛ ahum twam no, saa ara na ɔbɔnefoɔ bɛtwam akorɔ;+ na ɔteneneeni deɛ, ɔtim hɔ daa.+
26 Sɛdeɛ nsã nyinyanyinya yɛ ɛsẽ na wisie yɛ aniwa no, saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ wɔn a wɔsoma no no.+
27 Yehowa suro to onipa nna so,+ na abɔnefoɔ mfeɛ deɛ, wɔbɛtwa so.+
28 Ateneneefoɔ anidasoɔ bɛyɛ ahurisie,+ na abɔnefoɔ anidasoɔ deɛ, ɛbɛyera.+
29 Yehowa kwan yɛ abandenden ma ɔteneneeni,+ na ɔsɛeɛ wɔ hɔ ma abɔnefoɔ.+
30 Ɔteneneeni renhim da biara da;+ na abɔnefoɔ deɛ, wɔrentena asase so.+
31 Ɔteneneeni ano—ɛso nyansa aba,+ na nkontompofoɔ kɛtrɛma deɛ, wɔbɛtwa.+
32 Ɔteneneeni ano—ɛnya adom,+ na abɔnefoɔ ano deɛ, ɛka nkontomposɛm.+