Mmebusɛm 12:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Nsiyɛfoɔ nsa na ɛbɛdi tumi,+ na ɔkwadwofoɔ nsa deɛ, ɛbɛyɛ nkoadwuma.+ Mmebusɛm 13:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ, nanso ne kra nnya hwee.+ Na nsiyɛfoɔ kra deɛ, ɛbɛdɔ sradeɛ.+ Mmebusɛm 21:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba,+ na obiara a ɔpere ne ho deɛ, ohia na ɛbɛhia no.+