Deuteronomium 4:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Monni so ɛfiri sɛ ɛno na ɛbɛma moahunu nyansa+ na moanya nhunumu+ wɔ aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛseɛ yi nim nyansa na wɔwɔ nhunumu ampa.’+ Hiob 23:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 N’anom mmara, mentwe me ho mfiri ho.+Mede n’anom nsɛm asie+ asene deɛ ɔhwehwɛ firi me hɔ nyinaa. Dwom 19:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa mmara+ yɛ pɛ,+ ɛma ɔkra ho san no.+Yehowa nkaesɛm+ yɛ nokorɛ,+ ɛma deɛ ɔnni nimdeɛ hunu nyansa.+ Dwom 107:43 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 Hwan ne onyansafoɔ? Ɔde nneɛma yi bɛto ne tirim,+Na wadwendwene Yehowa adɔeɛ nnwuma ho.+ Dwom 119:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Ma mennya nteaseɛ, na matumi adi wo mmara so,+Na mede m’akoma nyinaa adi so.+ Dwom 119:100 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 100 Nteaseɛ a ɛboro mpanimfoɔ deɛ soɔ na mede yɛ m’adeɛ,+Ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ so na madie.+ 2 Timoteo 3:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 na wofiri wo mmɔfraase+ nso nim atwerɛ kronkron no, na ɛno na ɛbɛtumi ama woahunu nyansa akɔ nkwagyeɛ+ mu nam Kristo Yesu mu gyidie so.+
6 Monni so ɛfiri sɛ ɛno na ɛbɛma moahunu nyansa+ na moanya nhunumu+ wɔ aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛseɛ yi nim nyansa na wɔwɔ nhunumu ampa.’+
7 Yehowa mmara+ yɛ pɛ,+ ɛma ɔkra ho san no.+Yehowa nkaesɛm+ yɛ nokorɛ,+ ɛma deɛ ɔnni nimdeɛ hunu nyansa.+
15 na wofiri wo mmɔfraase+ nso nim atwerɛ kronkron no, na ɛno na ɛbɛtumi ama woahunu nyansa akɔ nkwagyeɛ+ mu nam Kristo Yesu mu gyidie so.+