1 Samuel 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Na Samuel nyiniiɛ, na Yehowa dii n’akyi,+ na wamma ne nsɛm mu biara antɔ fam.+ Hiob 32:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Elihu de nsɛm twɛnee Hiob ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa sene no panin.+ Ɔsɛnkafoɔ 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Abɔfra hiani nyansafoɔ yɛ+ sene ɔhene akɔkoraa gyimfoɔ+ a ɔntie kɔkɔbɔ bio.+ Luka 2:47 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 47 Na sɛdeɛ n’adwenem dɔ na ɔyi nsɛm ano no maa wɔn a wɔretie no nyinaa ho dwirii wɔn.+