Luka
2 Nna no mu no, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara+ sɛ wɔntwerɛ asase sofoɔ nyinaa din; 2 (dintwerɛ a ɛdi kan yi kɔɔ so berɛ a Kirenio yɛ Siria amrado;) 3 na nnipa nyinaa tuu kwan kɔɔ wɔn kurom kɔtwerɛɛ wɔn din.+ 4 Yosef nso firii Nasaret a ɛwɔ Galilea kɔɔ Yudea, na ɛsiane sɛ ɔfiri Dawid fie ne n’abusua+ mu nti, ɔkɔɔ Dawid kuro a wɔfrɛ no Betlehem+ mu 5 sɛ ɔrekɔtwerɛ ɔne Maria+ a wɔde no ama no awareɛ sɛdeɛ na wɔahyɛ no bɔ+ no din; saa berɛ no na ɔregye nna awo.+ 6 Wɔwɔ hɔ no, n’awoɔ berɛ duruiɛ. 7 Ɔwoo ɔbarima, n’abakan,+ na ɔde ntoma kyekyeree ne ho de no too mmoa adididaka mu,+ ɛfiri sɛ wɔannya kwan wɔ ahɔhodan no mu.
8 Saa berɛ no, na nnwanhwɛfoɔ bi nso wɔ asase no so a wɔwɛn wɔn nnwan anadwo wɔ wuram. 9 Amonom hɔ ara Yehowa bɔfoɔ+ bɛgyinaa wɔn nkyɛn, na Yehowa animuonyam+ hyerɛn twaa wɔn ho hyiaeɛ, na ehu kaa wɔn yie. 10 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro, hwɛ! mede asɛmpa a ɛfa anigyeɛ kɛseɛ a nnipa nyinaa bɛnya ho rebrɛ mo,+ 11 ɛfiri sɛ wɔawo Agyenkwa+ a ɔne Awurade Kristo+ no ama mo nnɛ wɔ Dawid kurom.+ 12 Na yei bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo: Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde ntoma akyekyere ne ho sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” 13 Amonom hɔ ara na ɔsoro asafodɔm+ bɛkaa ɔbɔfoɔ no ho yii Onyankopɔn ayɛ+ sɛ: 14 “Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro,+ na asomdwoeɛ+ nka nnipa a wɔsɔ n’ani asase so.”+
15 Enti berɛ a abɔfoɔ no gyaa wɔn hɔ kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yɛnsim nkɔ Betlehem nkɔhwɛ deɛ asie a Yehowa+ ayi adi akyerɛ yɛn yi.” 16 Na wɔyɛɛ ntɛm kɔhunuu Maria ne Yosef, ne akɔkoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Wɔhunuu no no, wɔkaa nsɛm a wɔaka akyerɛ wɔn afa abɔfra kumaa no ho kyerɛɛ wɔn. 18 Na deɛ nnwanhwɛfoɔ no kaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa, 19 na Maria firii aseɛ de nsɛm yi nyinaa sieeɛ, na ɔdwendwenee ho n’akoma mu.+ 20 Na nnwanhwɛfoɔ no san kɔeɛ a na wɔrehyɛ Onyankopɔn animuonyam reyi no ayɛ wɔ deɛ wɔteeɛ na wɔhunuiɛ nyinaa ho, sɛdeɛ wɔkaa yeinom kyerɛɛ wɔn no.
21 Afei nnawɔtwe+ duruiɛ sɛ wɔtwa no twetia+ no, wɔtoo ne din nso sɛ Yesu,+ edin a ɔbɔfoɔ no bɔeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no yafunu mu no.+
22 Bio nso, berɛ a nna a wɔde dwiraa+ wɔn ho sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no baa awieeɛ no, wɔde no baa Yerusalem sɛ wɔde no rebrɛ Yehowa, 23 sɛdeɛ wɔatwerɛ no Yehowa mmara mu sɛ: “Wɔbɛfrɛ ɔbarima biara a ɔbɛbue yafunu ano sɛ Yehowa ade kronkron” no,+ 24 na afei wɔabɔ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔaka no Yehowa mmara mu sɛ: “Mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu” no.+
25 Hwɛ! na ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon, ɔyɛ onipa tenenee a nyamesuro wɔ ne mu a ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ,+ na honhom kronkron wɔ ne so. 26 Bio nso, na wɔnam honhom kronkron so ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhunu owuo gye sɛ wahunu Kristo+ a Yehowa asoma no no ansa. 27 Honhom+ no kaa no maa no baa asɔrefie hɔ; na berɛ a awofoɔ no de abɔfra kumaa Yesu baa sɛ wɔrebɛyɛ deɛ mmara no mu amanneɛ hwehwɛ ama no no,+ 28 ɔgyee no too ne nsa so hyiraa Onyankopɔn sɛ: 29 “Awurade Tumfoɔ, afei woregya w’akoa kwan asomdwoeɛ+ mu sɛdeɛ w’asɛm teɛ; 30 ɛfiri sɛ m’ani ahunu deɛ wonam so bɛgye nkwa+ 31 a woasiesie wɔ aman nyinaa anim no,+ 32 kanea+ a wonam so bɛyi deɛ ɛkata+ amanaman+ no so ama ahyɛ wo man Israel animuonyam.” 33 Na deɛ ɔka faa ne ho no yɛɛ ne papa ne ne maame nwanwa. 34 Afei Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ: “Hwɛ! Oyi na wɔayi no ama Israelfoɔ+ bebree asehweɛ+ ne wɔn sɔreɛ ne sɛnkyerɛnne a wɔbɛkasa atia+ 35 (aane, nkrantɛ tenten bɛhwire wo ara wo kra mu),+ na ama nnipa bebree akoma mu nsusuiɛ ada adi.”+
36 Ná odiyifoɔbaa bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Hana, Fanuel babaa a ɔfiri Aser abusuakuo mu, (saa ɔbaa yi mfeɛ kɔ animu, na ɔwaree ne mmaabunberɛ mu ne ne kunu tenaa mfeɛ nson, 37 na ɔyɛ okunafoɔ+ a wadi mfeɛ aduɔwɔtwe nnan), na ɔmpa asɔrefie hɔ da, ɔde mmuadadie ne nkotɔsrɛ som awia ne anadwo.+ 38 Ɛdɔn no ara mu na ɔbaa hɔ bɛdaa Onyankopɔn ase kaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn gyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.+
39 Wɔyɛɛ deɛ Yehowa mmara+ hwehwɛ nyinaa wieeɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kuro Nasaret+ mu wɔ Galilea. 40 Na abɔfra kumaa no kɔɔ so nyini yɛɛ den,+ nyansa hyɛɛ no mã, na Onyankopɔn adom+ kɔɔ so tenaa ne so.
41 Afe biara na n’awofoɔ kɔ Yerusalem+ kɔdi twam afahyɛ no. 42 Na berɛ a ɔdii mfeɛ dumienu no, wɔkɔɔ sɛdeɛ afahyɛ no ho amanneɛ teɛ,+ 43 na wɔtenaa hɔ kɔsii nna no awieeɛ. Nanso berɛ a wɔresan aba no, abɔfra Yesu kaa Yerusalem a n’awofoɔ anhunu. 44 Wɔfaa no sɛ wafra nnipadɔm no mu kɔ, enti wɔtwaa da koro kwan,+ na afei wɔfirii aseɛ kyini hwehwɛɛ no abusuafoɔ ne amannifoɔ mu. 45 Ɛbaa sɛ wɔanhu no no, wɔsan kɔɔ Yerusalem kɔhwehwɛɛ no dendeenden. 46 Ne nnansa akyi no, wɔhunuu no wɔ asɔrefie+ hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Na sɛdeɛ n’adwenem dɔ na ɔyi nsɛm ano no maa wɔn a wɔretie no nyinaa ho dwirii wɔn.+ 48 Afei wɔhunuu no no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na ne maame see no sɛ: “Me ba, adɛn nti na woyɛɛ yɛn saa? Hwɛ, me ne wo papa de ahoyera ahwehwɛ wo.” 49 Na ɔsee wɔn sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mokyini hwehwɛ me? Monnim sɛ ɛtwa sɛ metena m’Agya fie anaa?”+ 50 Nanso wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.+
51 Na ɔne wɔn kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase+ hyɛɛ wɔn ase. Ne maame nso de nsɛm yi nyinaa siee n’akoma mu.+ 52 Na Yesu kɔɔ so nyini nyaa nyansa,+ na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.+