Dwom 119:99 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 99 Manya nhunumu asene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,+Ɛfiri sɛ wo nkaesɛm na medwene ho.+ Mateo 7:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Afei berɛ a Yesu wiee nsɛm yi no, ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no maa nnipakuo no ho dwirii wɔn;+ Marko 1:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no yɛɛ wɔn nwanwa,+ ɛfiri sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ atwerɛfoɔ no.+ Yohane 7:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Yei yɛɛ Yudafoɔ no nwanwa na wɔkaa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim nwoma+ saa berɛ a ɔnkɔɔ sukuu biara?”+
22 Na ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no yɛɛ wɔn nwanwa,+ ɛfiri sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn sɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ atwerɛfoɔ no.+
15 Yei yɛɛ Yudafoɔ no nwanwa na wɔkaa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na onipa yi nim nwoma+ saa berɛ a ɔnkɔɔ sukuu biara?”+