Exodus 13:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Ɔbarima biara a ɔbue yafunu ano wɔ Israel, ne aboa nini biara a ɔdi kan no, hyira so ma me. Ɛyɛ me dea.”+ Exodus 22:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 “Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo nnɔbaeɛ ne wo nsã anaa ngo bɛma.+ Fa wo babarima panin ma me.+ Exodus 34:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 “Deɛ ɛbue yafunu ano biara yɛ me dea,+ na wo mmoa nso, nantwie oo, odwan oo, onini biara a ɔdi kan no yɛ me dea.+ Numeri 3:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Hwɛ, abakan biara yɛ me dea.+ Da a mekum Egypt asase so mmakan+ nyinaa no, mehyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so faeɛ, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Enti wɔyɛ me dea. Mene Yehowa.” Numeri 8:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 ɛfiri sɛ abakan biara a ɔbue yafunu ano no yɛ me dea, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Da a mekunkum Egyptfoɔ mmakan+ no na mehyiraa wɔn so faeɛ.+
2 “Ɔbarima biara a ɔbue yafunu ano wɔ Israel, ne aboa nini biara a ɔdi kan no, hyira so ma me. Ɛyɛ me dea.”+
19 “Deɛ ɛbue yafunu ano biara yɛ me dea,+ na wo mmoa nso, nantwie oo, odwan oo, onini biara a ɔdi kan no yɛ me dea.+
13 Hwɛ, abakan biara yɛ me dea.+ Da a mekum Egypt asase so mmakan+ nyinaa no, mehyiraa mmakan a wɔwɔ Israel nyinaa so faeɛ, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Enti wɔyɛ me dea. Mene Yehowa.”
17 ɛfiri sɛ abakan biara a ɔbue yafunu ano no yɛ me dea, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Da a mekunkum Egyptfoɔ mmakan+ no na mehyiraa wɔn so faeɛ.+