Luka Twerɛtohɔ
2 Nna no mu no, Kaesare Augusto hyɛɛ mmara sɛ wɔntwerɛ asaase sofoɔ nyinaa din. 2 (Dintwerɛ a ɛdi kan yi kɔɔ so berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado no.) 3 Na nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔtwerɛɛ wɔn din. 4 Yosef+ nso firii Nasaret a ɛwɔ Galilea foro kɔɔ Yudea, na ɛsiane sɛ ɔfiri Dawid fie ne n’abusua mu nti, ɔkɔɔ Dawid kuro a wɔfrɛ no Betlehem+ mu. 5 Ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔtwerɛ ɔne ne yere Maria*+ din. Saa berɛ no, na aka kakra ama Maria awo.+ 6 Berɛ a wɔwɔ hɔ no, awoɔ kaa no. 7 Na ɔwoo ɔbarima, ne ba a ɔdi kan,+ na ɔde ntoma kyekyeree ne ho de no too mmoa adididaka mu,+ ɛfiri sɛ wɔannya kwan wɔ ahɔhodan no mu.
8 Saa berɛ no, na nnwanhwɛfoɔ bi nso wɔ asaase no so a wɔrewɛn wɔn nnwan anadwo wɔ wuram. 9 Amonom hɔ ara, Yehowa* bɔfoɔ bɛgyinaa wɔn anim, na Yehowa* animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiae, na ehu kaa wɔn yie. 10 Nanso ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro, hwɛ! mede asɛmpa bi rebrɛ mo. Ɛfa anigyeɛ kɛseɛ a nnipa nyinaa bɛnya ho. 11 Ɛfiri sɛ ɛnnɛ, wɔawo agyenkwa+ a ɔne Awurade Kristo+ no ama mo wɔ Dawid kurom.+ 12 Na deɛ mode bɛhu no nie: Mobɛhunu abɔfra kumaa bi a wɔde ntoma akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” 13 Ɛhɔ ara na ɔsoro asraafoɔdɔm*+ bɛkaa ɔbɔfoɔ no ho yii Onyankopɔn ayɛ sɛ: 14 “Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asaase so.”
15 Na berɛ a abɔfoɔ no gyaa wɔn hɔ kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Momma yɛnkɔ Betlehem seesei ara nkɔhwɛ deɛ asi a Yehowa* ayi akyerɛ yɛn yi.” 16 Na wɔyɛɛ ntɛm kɔe, na wɔkɔhuu Maria ne Yosef, ne abɔfra kumaa no sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Berɛ a nnwanhwɛfoɔ no huu wei no, nsɛm a na ɔbɔfoɔ no aka akyerɛ wɔn afa abɔfra kumaa no ho no, wɔkaa ne nyinaa. 18 Na deɛ nnwanhwɛfoɔ no kaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa, 19 na Maria firii aseɛ de nsɛm yi nyinaa sieeɛ, na ɔdwendwenee ho wɔ n’akoma mu.+ 20 Na nnwanhwɛfoɔ no san kɔe, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam yii no ayɛ wɔ deɛ wɔteeɛ na wɔhunuiɛ nyinaa ho, ɛfiri sɛ deɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no, saa ara na wɔkɔhunuiɛ.
21 Berɛ a nnawɔtwe duruu sɛ wɔtwa abɔfra no twetia*+ no, wɔtoo ne din Yesu, edin a ɔbɔfoɔ no de maa no ansa na wɔrenyinsɛn+ no no.
22 Bio nso, berɛ a ɛduruu sɛ wɔdwira wɔn ho sɛdeɛ Mose Mmara no kyerɛ no,+ wɔde abɔfra no foro baa Yerusalem sɛ wɔde no rebrɛ Yehowa* 23 sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Yehowa* Mmara mu no. Wɔatwerɛ sɛ: “Ɔbarima biara a wɔbɛdi kan awo no no,* ɛsɛ sɛ wɔhyira ne so* ma Yehowa.”*+ 24 Na wɔbɔɔ afɔreɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Yehowa* Mmara mu no: “mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu.”+
25 Hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon. Ná saa ɔbarima no yɛ onipa tenenee a nyamesuro wɔ ne mu. Ná ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ,+ na na honhom kronkron wɔ ne so. 26 Bio nso, na Onyankopɔn nam honhom kronkron so ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu, gye sɛ wahunu Kristo a Yehowa* asoma no no ansa. 27 Na honhom no de Simeon baa asɔrefie hɔ, na berɛ a abɔfra kumaa Yesu awofoɔ de no baa sɛ wɔrebɛyɛ deɛ Mmara no hwehwɛ+ ama no no, 28 Simeon gyee abɔfra no too ne nsa so, na ɔhyiraa Onyankopɔn sɛ: 29 “Awurade Tumfoɔ, afei woregya w’akoa kwan asomdwoeɛ mu+ sɛdeɛ w’asɛm teɛ, 30 ɛfiri sɛ m’ani ahunu deɛ wonam so bɛgye nkwa+ 31 a woasiesie wɔ aman nyinaa anim no,+ 32 hann+ a wode bɛyi deɛ akata amanaman no+ so, na ɔbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.” 33 Na deɛ ɔka faa abɔfra no ho no yɛɛ ne papa ne ne maame nwanwa. 34 Afei Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ abɔfra no maame Maria sɛ: “Hwɛ! Abɔfra yi nti, Israelfoɔ bebree bɛhwe ase,+ na ebi nso bɛsɔre.+ Ɔno na wɔayi no sɛ nsɛnkyerɛnne a nnipa bɛkasa atia+ 35 (aane, wɔde sekan tenten bɛwɔ wo* mu),+ na ama deɛ nnipa bebree susu wɔ wɔn akoma mu no ada adi.”
36 Ná odiyifoɔbaa bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Hana, Fanuel babaa a ɔfiri Aser abusuakuo mu. Ná saa ɔbaa yi anyini paa. Berɛ a ɔwareeɛ no,* ɔne ne kunu tenaa mfeɛ nson pɛ. 37 Saa berɛ yi, na ɔyɛ okunafoɔ a wadi mfeɛ 84. Ná ɔmpa asɔrefie hɔ da, na na ɔde akɔnkyene* ne nkotosrɛ som Onyankopɔn awia ne anadwo. 38 Saa berɛ no ara, ɔbaa hɔ, na ɔfirii aseɛ daa Onyankopɔn ase, na ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn sɛ wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.+
39 Berɛ a Yosef ne Maria yɛɛ deɛ Yehowa* Mmara hwehwɛ+ nyinaa wieeɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret+ wɔ Galilea. 40 Na abɔfra kumaa no kɔɔ so nyinii, na ne ho yɛɛ den. Nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom wɔ ne so.+
41 Afe biara, deɛ na n’awofoɔ yɛ ne sɛ, wɔkɔ Yerusalem kɔdi Twam Afahyɛ no.+ 42 Berɛ a ɔdii mfeɛ 12 no, wɔforo kɔɔ Yerusalem sɛdeɛ afahyɛ no ho nhyehyɛeɛ teɛ.+ 43 Berɛ a afahyɛ nna no baa awieeɛ a wɔresan aba no, abɔfra Yesu kaa Yerusalem, nanso n’awofoɔ anhunu. 44 Wɔfaa no sɛ ɔka nnipadɔm a wɔrekɔ no ho, enti wɔtwaa da koro kwan, na afei wɔfirii aseɛ kyini hwehwɛɛ no wɔ abusuafoɔ ne amannifoɔ mu. 45 Nanso wɔanhu no, enti wɔsan kɔɔ Yerusalem kɔhwehwɛɛ no dendeenden. 46 Nnansa akyi no, wɔkɔhuu no wɔ asɔrefie hɔ. Ná ɔte akyerɛkyerɛfoɔ no mfimfini retie wɔn, na na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Sɛdeɛ na n’adwenem dɔ na ɔyi nsɛm ano nti, wɔn a na wɔretie no no nyinaa ho dwirii wɔn+ yie. 48 Afei berɛ a n’awofoɔ huu no no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na ne maame bisaa no sɛ: “Me ba, adɛn nti na woayɛ yɛn saa? Me ne wo papa ahwehwɛ wo abrɛ.” 49 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na na morehwehwɛ me? Monnim sɛ m’Agya fie na mobɛhu me anaa?”+ 50 Nanso wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.
51 Na ɔne wɔn siane kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase* maa wɔn.+ Na ne maame de nsɛm yi nyinaa siee n’akoma mu.+ 52 Na Yesu kɔɔ so nyinii, na ɔnyaa nyansa pii, na Onyankopɔn ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm.