1 Samuel
3 Saa berɛ no nyinaa na abɔfra Samuel resom+ Yehowa wɔ Eli anim; ná Yehowa asɛm+ ho ayɛ na saa nna no mu,+ na anisoadehunu+ nni hɔ.
2 Ɛbaa sɛ da bi na Eli da ne daberɛ; ná n’ani so ayɛ wisiwisi+ na ɔnhunu adeɛ. 3 Ná Onyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ, na Samuel da Yehowa asɔrefie+ hɔ, baabi a Onyankopɔn adaka no wɔ no. 4 Na Yehowa frɛɛ Samuel, na ɔkaa sɛ: “Menie.”+ 5 Ɛnna ɔtuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: “Menie; worefrɛ me.” Nanso ɔkaa sɛ: “Memfrɛɛ wo. San kɔda.” Ɛnna ɔkɔdaeɛ. 6 Na Yehowa frɛɛ bio sɛ: “Samuel!”+ Na Samuel sɔreeɛ na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: “Menie; worefrɛ me.” Nanso ɔkaa sɛ: “Me ba,+ memfrɛɛ wo. San kɔda.” 7 (Samuel deɛ, ná ɔnnya nhunuu Yehowa, na na wɔnnya mfirii aseɛ nyii Yehowa asɛm nkyerɛɛ no.)+ 8 Na Yehowa frɛɛ bio ne mprɛnsa soɔ sɛ: “Samuel!” Ɛnna ɔsɔreeɛ na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: “Menie, megye di sɛ worefrɛ me.”
Ɛnna Eli hunuu sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔrefrɛ abɔfra no. 9 Enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a ka sɛ, ‘Yehowa, kasa na w’akoa retie.’” Na Samuel kɔdaa ne daberɛ.
10 Na Yehowa ba bɛgyinaa hɔ frɛɛ sɛ kane no sɛ: “Samuel, Samuel!” Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Kasa, na w’akoa retie.”+ 11 Na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Hwɛ! Merebɛyɛ+ adeɛ bi wɔ Israel, na obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mmienu nyinaa mu bɛyɛ no yonn.+ 12 Ɛda no na mɛma deɛ maka atia Eli fie nyinaa aba mu firi mfitiaseɛ akɔsi awieeɛ.+ 13 Na ka kyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn+ akɔsi daa, bɔne yi nti, ɛfiri sɛ ɔnim+ sɛ ne mma adome Onyankopɔn,+ nanso wanka wɔn anim.+ 14 Ɛno nti na maka ntam agu Eli fie so sɛ, afɔrebɔ anaa ayɛyɛdeɛ biara rentumi mpepa Eli fie bɔne ho asotwe a ɛrebɛba no da.”+
15 Na Samuel daa hɔ kɔsii anɔpa. Na ɔbuebuee Yehowa fie apono no.+ Na Samuel suroo sɛ ɔbɛka deɛ ɔhunuiɛ no akyerɛ Eli.+ 16 Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: “Me ba Samuel!” Na ɔkaa sɛ: “Menie.” 17 Na ɔkaa sɛ: “Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ woɔ? Mesrɛ wo mfa nhunta me.+ Sɛ wode asɛm a ɔka kyerɛɛ woɔ no baako mpo hunta me a, Onyankopɔn ntua wo ka na ɔnsan mfa bi nka ho.”+ 18 Enti Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wamfa biribiara anhunta no. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Yehowa. Deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ no, ma no nyɛ.”+
19 Na Samuel nyiniiɛ, na Yehowa dii n’akyi,+ na wamma ne nsɛm mu biara antɔ fam.+ 20 Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba,+ bɛhunuu sɛ Samuel na wɔde no asi hɔ sɛ ɔnyɛ Yehowa diyifoɔ.+ 21 Na Yehowa yii ne ho adi bio+ wɔ Silo, ɛfiri sɛ Yehowa nam Yehowa asɛm so yii ne ho adi kyerɛɛ Samuel+ wɔ Silo.