1 Samuel
4 Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn.
Na Israel kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko, na wɔkɔkyeree nsraban wɔ Ebeneser+ na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban wɔ Afek.+ 2 Filistifoɔ twaa mpasua+ de hyiaa Israel, na ɛko no yɛɛ den maa Israel dii nkoguo Filistifoɔ anim,+ na wɔkunkum mmarima bɛyɛ mpem nnan wɔ akono, ɛko mpasua no so. 3 Berɛ a ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanimfoɔ no kaa sɛ: “Adɛn nti na Yehowa ama yɛadi nkoguo Filistifoɔ anim+ nnɛ yi? Momma yɛnkɔfa Yehowa apam adaka+ no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfo nsam.” 4 Enti ɔman no soma kɔɔ Silo kɔfaa asafo Yehowa a ɔte kerubim+ soɔ no apam adaka no baeɛ. Ná Eli mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas, wɔ nokorɛ Nyankopɔn apam adaka no ho.+
5 Berɛ a Yehowa apam adaka no bɛduruu nsraban no mu ara pɛ, Israelfoɔ nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ+ maa asase wosoeɛ. 6 Filistifoɔ no nso tee osebɔ no, na wɔbisaa sɛ: “Hebrifoɔ nsraban mu osebɔ+ kɛseɛ yi ase ne sɛn?” Akyire yi wɔtee sɛ Yehowa adaka no na aba nsraban no mu. 7 Na Filistifoɔ no suroeɛ, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Onyankopɔn aba nsraban no mu!”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛnnue, asɛm sei bi nsii da! 8 Yɛnnue! Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri Onyankopɔn tumfoɔ yi nsam? Onyankopɔn yi na ɔde okum nyinaa bi kunkum Egyptfoɔ wɔ serɛ no soɔ no.+ 9 Mo Filistifoɔ, monnya akokoɔduro, monyɛ mmarima na moansom Hebrifoɔ no sɛdeɛ wɔasom mo no;+ monyɛ mmarima na monko!” 10 Enti Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo+ maa obiara dwane kɔɔ ne ntomadan mu;+ wɔkum wɔn okunkɛseɛ paa,+ na Israel mmarima mpem aduasa a wɔnam fam totɔeɛ.+ 11 Onyankopɔn adaka no nso, wɔfaeɛ,+ na Eli mma mmienu no, Hofni ne Finehas, wuwuiɛ.+
12 Benyamini bi firi mpasua no so tuu mmirika baa Silo da no ara; ná wasuane n’atadeɛ mu,+ na ɔde dɔteɛ agu n’atifi.+ 13 Berɛ a ɔduruiɛ no, na Eli te adwa so wɔ kwankyɛn rehwɛ kwan, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam.+ Na ɔbarima no kɔbɔɔ amanneɛ kuro no mu, na kuro no nyinaa bɔɔ bena. 14 Na Eli tee benabɔ no, na ɔbisaa sɛ: “Hooyɛ a meteɛ yi ase ne sɛn?”+ Na ɔbarima no yɛɛ ntɛm sɛ ɔrekɔbɔ Eli amanneɛ. 15 (Ná Eli adi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe, na n’ani so ayɛ wisiwisi ama ɔnhunu adeɛ.)+ 16 Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: “Mene deɛ ɔfiri mpasua so baeɛ no; mpasua no so na mefiri dwane baa nnɛ.” Ɛnna ɔbisaa sɛ: “Me ba, asɛm bɛn na asie?” 17 Na ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: “Israel adwane Filistifoɔ anim, na ɔman no adi nkoguo kɛse;+ wo mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas, awuwu,+ na nokorɛ Nyankopɔn adaka no nso, wɔafa.”+
18 Berɛ a ɔtee nokorɛ Nyankopɔn adaka no ho asɛm ara pɛ, ɔfiri n’adwa so te faa n’akyi hwee fam, kuro pono no ho, na ne kɔn mu bu maa no wuiɛ ɛfiri sɛ na wabɔ akora na ne mu nso yɛ du; ná wabu Israel atɛn mfeɛ aduanan. 19 Saa berɛ no, na n’ase, Finehas yere anyinsɛn, na n’awoɔ reyɛ aduru. Berɛ a ɔtee sɛ wɔafa nokorɛ Nyankopɔn adaka no, na n’ase barima ne ne kunu nso awuwuo no, ɔkotoo sɛ ɔrewo ɛfiri sɛ awoɔ kaa no+ amonom hɔ ara. 20 Berɛ a ɔrewuo no, mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no kaa sɛ: “Nsuro, ɛfiri sɛ woawo ɔbabarima.”+ Nanso wammua, na wamfa n’akoma ankɔ so. 21 Ɔtoo abɔfra no din Ikabod,+ na ɔkaa sɛ: “Animuonyam afiri Israel kɔ nkoasom mu.”+ Nokorɛ Nyankopɔn adaka a wɔafa ne n’ase barima ne ne kunu nti na ɔkaa saa.+ 22 Enti ɔkaa sɛ: “Animuonyam afiri Israel kɔ nkoasom mu+ ɛfiri sɛ wɔafa nokorɛ Nyankopɔn adaka no.”+